Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/06 kr. 8
  • Wubetumi Asakra Wo Bere Nhyehyɛe Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Asakra Wo Bere Nhyehyɛe Mu?
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wubetumi Adi Adanse Anwummere?
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Woasɔ Anwummere Adansedi Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere Adansedi Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 4/06 kr. 8

Wubetumi Asakra Wo Bere Nhyehyɛe Mu?

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn bere nhyehyɛe mu de ka asɛm no?

1 Sɛ́ nokware Kristofo no, yɛagye nsato a ɛne sɛ ‘yɛnnyɛ nnipa yifo’ no atom. (Mat. 4:19) Sɛnea mpataayifo ankasa yɛ no, yɛn nso sɛ yebenya mpataa pii wɔ nnipa mpataayi adwuma yi mu a, gye sɛ yɛka asɛm no wɔ bere a yɛbɛto nnipa wɔ fie. Wɔ aman pii so no, ade bɛkye ntɛm anɔpa nanso ade rensa ntɛm wɔ asram a ɛreba no mu. Sɛ edu saa bere no a, nnipa pii tra fie bere a owia rekɔtɔ ne anwummere. Wɔtaa gye wɔn ahome saa bere yi ma enti ebia wɔn ani begye ahɔho ho. Wubetumi asakra wo bere nhyehyɛe mu de aka asɛm no saa bere no?—1 Kor. 9:23.

2. Akwan bɛn na yebetumi afa so aka asɛmpa no akyerɛ nnipa pii?

2 Anwummere Adansedi: Sɛ yedi kan yɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛka asɛm no anwummere a, ebetumi aboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no akyerɛ nnipa pii. (Mmeb. 21:5) Mmabun betumi aka asɛm no bere a wɔapɔn sukuu. Afoforo nso betumi adi adanse bere a wɔapɔn adwuma. Nhoma adesuakuw binom betumi ayɛ nhyehyɛe de dɔnhwerew biako aka asɛm no dapɛn biara ansa na wɔayɛ adesua no.

3. Akwan bɛn na wubetumi afa so aka asɛm no wɔ w’asasesin mu bere a owia rekɔtɔ ne anwummere?

3 Afie afie asɛnka a yɛbɛyɛ bere a owia rekɔtɔ ne anwummere no betumi aboa ma yɛato nnipa a yɛntaa nto wɔn fie no. Wɔ nsasesin pii mu no, yebetumi ayɛ mmɔnten so adansedi ne baguam adansedi no afã foforo bi nso anwummere. Ebinom ahu sɛ anwummere yɛ bere a eye sen biara a wobetumi de ayɛ sankɔhwɛ na wɔafi Bible adesua ase.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda nhumu adi na yɛdwen afoforo ho bere a yɛredi adanse anwummere no?

4 Nhumu Ho Hia: Atɛmpa ho hia bere a yɛredi adanse anwummere no. Mpɛn pii no, bere a eye paa sɛ yɛkɔ afoforo nkyɛn ne anwummere mmom sen sɛ yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn bere a wɔresiesie wɔn ho akɔda no. (Filip. 4:5) Sɛ wobɔ pon mu a, gyina baabi a wobetumi ahu wo yiye, na ma wonhu nipa ko a woyɛ. Ka nea enti a woabɛsra wɔn no ntɛm ara. Sɛ bere a wokɔɔ hɔ no nye, te sɛ bere a abusua no redidi a, ka kyerɛ wɔn sɛ wobɛsan aba bere foforo. Susuw afoforo ho bere nyinaa.—Mat. 7:12.

5. Yɛbɛyɛ dɛn akwati asiane bere a yɛreka asɛm no?

5 Ɛsɛ sɛ yɛma baabi a yebetumi ahyia asiane no nso tra yɛn adwenem. Sɛ moredi adanse bere a anim rebiribiri anaa ade asa a, ɛfata sɛ monantew baanu baanu anaasɛ kuw. Nantew baabi a nkanea wɔ a nnipa behu wo. Di adanse wɔ baabi a wote nka sɛ wowɔ ahobammɔ. Nkɔ baabi a sɛ ade sa a, ɛhɔ yɛ hu no.—Mmeb. 22:3.

6. Mfaso foforo bɛn na yebetumi anya afi adanse a yebedi bere a owia rekɔtɔ ne anwummere no mu?

6 Adanse a yebedi bere a owia rekɔtɔ ne anwummere no betumi aboa ma yɛne akwampaefo aboafo ne daa akwampaefo ayɛ asɛnka adwuma no. (Rom. 1:12) So wubetumi asakra wo bere nhyehyɛe mu na wode wo ho ahyɛ ɔsom adwuma no fã yi mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena