Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/96 kr. 1
  • Woasɔ Anwummere Adansedi Ahwɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woasɔ Anwummere Adansedi Ahwɛ?
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Wubetumi Asakra Wo Bere Nhyehyɛe Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • So Wubetumi Adi Adanse Anwummere?
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere Adansedi Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 7/96 kr. 1

Woasɔ Anwummere Adansedi Ahwɛ?

1 Sɛ yɛn adwuma sow aba a, yɛn nyinaa ani gye. Ɔkwan foforo so no, sɛ yennya mfaso pa biara mfi adwuma mu a, ne yɛ betumi ayɛ anihaw ne abasamtu. Adwuma a mfaso wɔ so ankasa de abotɔyam ba, na ɛyɛ nhyira. (Fa toto Ɔsɛnkafo 3:10-13 ho.) Yebetumi de nnyinasosɛm yi atoto yɛn asɛnka adwuma ho. Yefi suahu mu nim sɛ sɛ yɛkɔ apon ne apon ano na yetumi ne nkurɔfo bɔ Bible mu nkɔmmɔ a, yɛsan ba fie a yɛn ani agye wɔ honhom mu. Yɛte nka sɛ yɛayɛ biribi ankasa.

2 Wɔ mmeae bi no, ayɛ den yiye sɛ yɛbɛto nkurɔfo wɔ fie wɔ da no mu nnɔnhwerew bi mu. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔ mmeae pii no, sɛ yɛkɔ anɔpa a, yɛnto nnipa bɛboro ɔha mu 50 wɔ fie. Asafo horow pii adi ɔhaw yi ho dwuma denam anwummere adansedi ho nhyehyɛe a wɔayɛ so, na ɛso aba wɔn mfaso kɛse. Adawurubɔfo bɔ amanneɛ sɛ sɛ wɔkɔ nkurɔfo nkyɛn anwummere a, wɔto nnipa pii wɔ fie, na nnipa dodow no ara nya adagyew tie Ahenni asɛm no kɛse. Woasɔ anwummere adansedi ahwɛ wɔ w’asasesin mu?—Fa toto Marko 1:32-34 ho.

3 Yɛ Anwummere Adansedi Ho Nhyehyɛe: Wɔ mmeae bi no, wɔaboa asɛnka nhyiam a wɔyɛ no anwummere anaa bere a onwini adwo no yiye. Wobetumi asusuw adawurubɔfo nkumaa a wɔpɔn sukuu awia ne mpanyimfo a wɔpɔn adwuma bere a onwini adwo no ho. Adawurubɔfo bi a wontumi nkɔ asɛnka wɔ adapɛn awiei no ahu sɛ anwummere adansedi wɔ dapɛn no mu no yɛ ɔkwan pa a wobetumi afa so anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa.

4 Dwumadi ahorow pii wɔ hɔ a wubetumi de wo ho ahyɛ mu wɔ anwummere adansedi mu. Wubetumi de nsɛmma nhoma anaa nhoma a wɔde bɛma ɔsram no mu no adi adanse wɔ afie afie mu. Anwummere ne bere a ɛfata sɛ yɛkɔ nkurɔfo a na wonni fie bere a adawurubɔfo kɔɔ hɔ anɔpa anaa dapɛn no awiei no nkyɛn. Abɔnten so adansedi a ɛma wuhyia nkurɔfo a wofi adwuma reba fie nso betumi ayɛ asasesin a ɛsow aba. Pii hu sɛ anwummere ne bere a ɛfata sɛ wɔyɛ wɔn a wɔakyerɛ anigye no so sankɔhwɛ.

5 Yɛ Ahwɛyiye ne Anifere: Anwummere anaa anadwo a wopue betumi ayɛ hu wɔ mmeae bi. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ mobɛnantew baanu baanu anaa akuw akuw wɔ ɔkwan a kanea wɔ so so na moakɔ afie anaa adan a mowɔ awerehyem sɛ morenkɔtɔ asiane biara mu mu. Sɛ wobɔ pon mu a, gyina beae a wobehu wo na da wo ho adi yiye. Fa nhumu di dwuma. Sɛ wuhu sɛ woakɔ hɔ wɔ bere a ɛmfata, te sɛ bere a abusua no redidi a, tu hyɛ bere foforo. Ɛtaa yɛ papa sɛ wubefi adansedi ase anwummere a ade nsae pii no sen sɛ wobɛkɔ bere a ade asa a ebia afiewuranom reyɛ adeda no.

6 Anwummere a ɔsram apae titiriw ye ma adansedi wɔ mmeae pii. Bere a yɛde ‘ɔsom kronn ma Onyankopɔn awia ne anadwo’ no, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ so.—Adi. 7:15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena