Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/94 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Horow Ma September

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Horow Ma September
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase September 5
  • Dapɛn a Efi Ase September 12
  • Dapɛn a Efi Ase September 19
  • Dapɛn a Efi Ase September 26
Yɛn Ahenni Som—1994
km 9/94 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Horow Ma September

Dapɛn a Efi Ase September 5

Dwom 5

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata.

20 min: “Trɛw Ahenni Adwuma Ademude a Wowɔ no Mu.” Ɔsom adwuma sohwɛfo ne ɔpanyin foforo bɔ asɛm no mu nsɛntitiriw ho nkɔmmɔ. Ka asafo no dwumadi wɔ afe a etwaam no mu ho asɛm, na fa nkamfo ne nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma wɔanya nkɔanim ma. Si botae a yɛn ankasa de besi hɔ sɛ yɛbɛma ɔsom adwuma no mu kyɛfa a yenya no akɔ anim so dua.

15 min: “Kanyan Tra Ase Daa Nhoma no ho Anigye.” Adawurubɔfo baasa anaa baanan, a abofra bi ka ho, bɔ asɛm no ho nkɔmmɔ na afei wɔyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Wɔyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ abien anaa abiɛsa ho ɔyɛkyerɛ, afei wosusuw ho, na wɔde nyansahyɛ ne nkamfo a eye ma wɔn ho.

Dwom 32 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 12

Dwom 54

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: Kristofo Abrabɔ wɔ Sukuu. Ɔpanyin ne mmofra a wonnii mfe aduonu baasa anaa baanan bɔ ho nkɔmmɔ. Yɛn mmofra no hyia nhyɛso horow a ɛbɛma wɔabu Bible nnyinasosɛm ahorow so wɔ sukuu mu. Eyi mu dodow no ara fi dwumadi ahorow a ɛmfa nea wosua wɔ sukuu dan mu ho tẽẽ. Agumadi, nhyehyɛe a mmarima ne mmea yɛ fi adi, ne apontow ahorow de asiane ahorow ba. Ɔpanyin no ne mmofra no de Sukuu brochure no nkratafa 22-5 susuw “Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow” ho. Mmofra no ka sɛ wohyia nhyɛso a ɛbɛma wɔayɛ saa nneɛma yi bi ma enti wɔn ani sɔ afotu a ɔde ama no.

10 min: Asemmisa Afã. Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw ho. Sɛ mususuw ho wie a, tĩ nsɛntitiriw no mu na ama obiara ate asɛm no ase.

15 min: “Wonnyaee Adansedi.” Nsemmisa ne mmuae. Twe adwene si asɛm a ɛne sɛ ɛwom sɛ yɛn nyinaa ntumi mfa bere koro nyɛ ɔsom adwuma no de, nanso ɛsɛ sɛ yenya anigye na yɛbɔ mmɔden sɛ yebefi yɛn kra nyinaa mu ayɛ no so.

Dwom 60 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 19

Dwom 36

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho amanneɛbɔ ne ntoboa a nsa aka ho krataa.

15 min: “Wɔresan Akɔ Sukuu.” Nsemmisa ne mmuae. Si ɔhaw ahorow a mmofra hyia ne sɛnea awofo betumi aboa wɔn mma so dua.

20 min: “Tra Ase Daa Nhoma no a Wode Befi Bible Adesua Ase.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Yɛ nhyehyɛe ma wɔmfa nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔhyɛ ho nyansa no abien nyɛ ɔyɛkyerɛ.

Dwom 67 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 26

Dwom 44

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ma atiefo nka Tra Ase Daa nhoma no a wɔde ama anaasɛ wɔde afi adesua ase ho osuahu ntiantiaa nkyerɛ.

15 min: Ma April 15, 1994, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 19-21 hɔnom asɛm a ɛne sɛ “So Ɛyɛ Korɔnbɔ Ankasa?” no ho ɔkasa.

20 min: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a Yɛbɛma Wɔakra October. Yɛn nsɛmma nhoma no di dwuma kɛse wɔ wiase nyinaa asɛnka adwuma no mu; eyi na ɔpepem pii nam so dii kan tee nokware no. Si hia a ɛho hia sɛ yɛde bedi dwuma daa na yɛama wɔakra wɔ afie afie adwuma no mu so dua. Ka dapɛn biara Nsɛmma Nhoma Da a wobenya so mfaso ho asɛm. Munsusuw sɛnea mmɔnten so adwuma ne sotɔɔ mu adansedi ma yenya hokwan pii de ma na yɛma wɔkra bi nso ho. Kae anuanom sɛ wɔnyɛ nea wɔde ma ho kyerɛwtohɔ, a atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛkɔ akɔma wɔn bi daa. Kyerɛkyerɛ mu sɛ wobetumi ama wɔakra bi wɔ sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua yɛ nso mu. Si hia a ɛho hia sɛ wobesiesie wɔn ho yiye ansa na wɔakɔ asɛnka no so dua. Ma adawurubɔfo baasa, a wɔn mu biako yɛ abofra nyɛ sɛnea wɔma wɔkra no ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 76 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena