Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/94 kr. 2
  • Wɔresan Akɔ Sukuu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔresan Akɔ Sukuu
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • So Wo Mma Asiesie Wɔn Ho Sɛ Wɔbɛsan Akɔ Sukuu?
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Wɔ Sukuu Afe Yi?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Sukuu ne Yehowa Adansefo—Nhomawa no Reboa
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 9/94 kr. 2

Wɔresan Akɔ Sukuu

1 Efi ɔsram a ɛne September rekɔ no, yɛn mmofra no befi sukuu afe foforo ase. Wobetumi ahwɛ nneɛma a ɛyɛ anigye kwan, nanso nneɛma kakra a eyi hu nso wɔ hɔ. Wɔbɛma mmofra pii akyerɛkyerɛfo foforo, wobefi ase asua nneɛma afoforo, na wɔne sukuufo a wonnim wɔn abɔ kɛse. Yɛn mmofra no pɛ sɛ wotie sukuu so ahwɛfo na wɔne wɔn mfɛfo sukuufo yɛ biako, nanso ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwenem sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ biribiara a ebetumi asɛe wɔn honhom mu yiyedi ho.—1 Kor. 15:33.

2 Nea ɛhaw Adansefo mma ne mmofra titiriw ne sɛ wɔbɛkwati wiase no nkɛntɛnso bɔne a ɛda adi wɔ sukuu ahorow mu wɔ aman pii mu nnɛ no. Ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra ne mpanyin nyinaa de akokoduru pow wiase no gyinapɛn ahorow ne nsusuwii a ɛfa abrabɔ ho a wɔrekamfo kyerɛ nnɛ no, na ‘wɔhwɛ yiye’ denam Yehowa Asɛm a wɔbɛkenkan na wɔama akyerɛ wɔn kwan no so. (Dw. 119:9) Ɛsɛ sɛ awofo a wɔn mma ho asɛm hia wɔn no hu nea wɔde aka nneɛma a wosua wɔ sukuu ho na wɔatumi de akwankyerɛ a ɛfata ama wɔn mma. Sɛ nea wɔkyerɛkyerɛ wɔ sukuu anaa baabi foforo no ne kronnyɛ ne ahotew a wɔhwehwɛ fi Yehowa nkoa hɔ no bɔ abira a, ɛsɛ sɛ wɔkwati.—1 Pet. 1:15, 16.

3 Wɔtaa hyia ɔmampɛ mu guasodeyɛ, nnapɔnnadi, agumadi, ne apontow ho nsɛm nso. Brochure a ɛne Sukuu ne Yehowa Adansefo no boa Kristofo mmofra wɔ saa nsɛm yi mu. Sɛ mmofra nkumaa awofo di kan de nhoma yi bi kɔma akyerɛkyerɛfo a, wobetumi adi tebea horow a emu betumi ayɛ den so anaa wɔbɛbrɛ no ase. Wobetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ eyi bɛboa ɔkyerɛkyerɛfo no ma wate nea enti a Yehowa Adansefo mpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ dwumadi ahorow bi mu no ase. Asɛm yi a wɔbɛma ɔkyerɛkyerɛfo no ate ansa na nsɛnnennen asɔre no betumi aboa pii ma biakoyɛ atra wɔn ntam.

4 Afei nso, ɛbɛyɛ papa sɛ Kristofo sukuufo ankasa nya Sukuu brochure no biako ka wɔn nhoma a wosua wɔ sukuu no ho. Hokwan ahorow taa bue a ɛbɛma wɔadi sukuufo afoforo a wobisabisa wɔn nsɛm no adanse bere a wɔtwe adwene si yɛn gyidi horow so no. Afei nso, ɛsɛ sɛ Adansefo mma de wɔn Advance Medical/Release kratasin anaa Identity Card a entwaam a wɔadi ho adanse de nsa ahyɛ ase yiye hyɛ wɔn ho bere nyinaa. Nokwarem no, wɔn a wɔde afotu yi di dwuma no bɛyɛ sɛ ‘onitefo a ohu bɔne a ɛreba na ɔde ne ho hintaw’ no.—Mmeb. 22:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena