Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔkra. November: New World Translation of the Holy Scriptures ne nhoma The Bible—God’s Word or Man’s? December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Sɛ munni nhoma yi bi a, momfa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaasɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nni dwuma. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wonnya nkraa atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa ɔsram biara Literature Request Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi a, wɔmmɔ asafo no amanneɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ October mu no de wɔn akwammisa nkrataa ma ntɛm. Eyi bɛma mpanyimfo no atumi ayɛ nhoma ne asasesin ho nhyehyɛe a ehia no.
◼ Wɔrekae mpanyimfo sɛ wonni April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3 hɔnom akwankyerɛ a ɛfa nnipa a wɔatu wɔn anaa wɔatwe wɔn ho a ebia wɔpɛ sɛ wɔsan gye wɔn ba asafo no mu no so.
◼ Wɔrekae ɔsom boayikuw no sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔde Literature Inventory Form (S-AB-18) no bɛmana baa dwumadibea no ansa na September 6, 1994 adu. Ɛsɛ sɛ wɔde Asafo Dwumadi Mu Nhwehwɛmu Ho Amanneɛbɔ (S-10) no mana ansa na September 10, 1994 adu.
◼ Efi September no, amansin so ahwɛfo begyina krataa a Asafo ti no de ama no so ne Teokrase Ɔsom Sukuu so ahwɛfo ne wɔn aboafo asusuw wɔn dwumadi ho.
◼ Anuanom akuw a wɔde bɔs bɛsrasra Betel no benya nsiesiei foforo a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ Asafo ti no video kasɛt no biako. Wɔayɛ nsiesiei yi ama akuw a wɔde bɔs ba no nkutoo na ɛnyɛ ankorankoro anaa akuw nketewa bi.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Da So Wɔ Hɔ:
Ewe, Ga ne Twi: Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
◼ Nhoma a Ebi Wɔ Hɔ Mprempren:
Engiresi: Montow Ayeyi Nnwom Mma Yehowa (Ketewa).
◼ Kasɛt Ahorow a Ebi Wɔ Hɔ Mprempren:
Engiresi: Jehovah’s Name to Be Declared in All the Earth; Jehovah Delivers Those Calling Upon His Name.
◼ Video Kasɛt Ahorow a Ebi Wɔ Hɔ Mprempren:
Engiresi: Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name; The Bible—Accurate History, Reliable Prophecy; The Bible—Mankind’s Oldest Modern Book.