Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/92 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1992
Yɛn Ahenni Som—1992
km 3/92 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Nhoma a ekura nkratafa 192 a wotintim no 1983 anaasɛ ansa na saa afe no reba no mu biara. Fa biako ma fa gye ne bo fã a ɛyɛ ¢175. Akwampaefo begye nhoma a ɛte sɛɛ no biako ¢90. Ɛsɛ sɛ sika sohwɛfo no de Remittance and Credit Request kratasin foforo bisa ma wɔtew nea adawurubɔfo ne akwampaefo aboafo gyei no fi wɔn ka so, na ɔde Remittance kratasin foforo yɛ saa wɔ nea wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no gyei ho. Sɛ mo asafo no nni nhoma yi bi a, ɛsɛ sɛ mode Worldwide Security Under the Prince of Peace nhoma no ma. April: Revelation​—Its Grand Climax At Hand! Sɛ munni nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no bi a, mubetumi de Young People Ask ama. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ne ɔsom adwuma sohwɛfo no hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu bi sɛ obenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ma wɔboa no. Sɛ wɔpɛ nyansahyɛ ahorow a, wɔnhwɛ Asafo ti no nkrataa (S-201) a wɔkyerɛw no November 18, 1991 ne November 1, 1990 no mu. Afei nso, wɔnhwɛ krataa a na ɛhyɛ September 1988 Yɛn Ahenni Som no mu no nkratafa 12-20.

◼ Wɔremmue Betel March 6, efisɛ ɛyɛ aban dapɔnnadi. Yɛsrɛ sɛ mommma hɔ efisɛ wɔrenyɛ adwuma

◼ Yɛbɛyɛ Nkaedi no Fida, April 17, 1991. Ɛwom sɛ wobetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ wofi ase de Nkaedi abodoo ne nsa no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Asɛnka nhyiam nkutoo na wɔbɛyɛ no saa da no.

◼ Sɛnea wɔde amanneɛbɔ ama wɔ Yɛn Ahenni Som no bi a aba dedaw no mu no, Asafo ti no renyɛ nhyehyɛe nkɔtɔ Nkaedi bobesa bio. Wɔresan atwe adwene asi February 15, 1990, Ɔwɛn-Aban, kratafa 11. a ɛka bobesa a ɛfata ma Nkaedi no ho asɛm no so bio.

◼ Nea ɛbɛyɛ na moayɛ abodoo a mmɔkaw nnim a ɛfata ama Nkaedi no, yɛsrɛ sɛ monhwɛ nneɛma a wɔde yɛ a wɔakyerɛ wɔ February 1, 1985, Ɔwɛn-Aban no kratafa 27 no. ese sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no yɛ wɔn nhyehyɛe mprempren na wɔde wɔn akammisa nkratasin ama ntɛm

◼ NKAEBƆ: Bere a na nsa da yɛn dwumadi so no, nsɛm bi puei wɔ Our Bulletin no mu binom mu a yɛntumi amfa anni dwuma ntɛm ara. Seesei a yɛasan anya ahofadi yi, ɛbɛyɛ papa sɛ mpanyimfo no kɔkenkan eyinom na wohu sɛnea wobetumi de adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Nhwɛso ahorow ni: October 1989 (Vol 32, No. 10) wɔ Asemmisa Afa, na ɛfa wɔn a ɛsɛ sɛ wɔde nkaebɔ ahorow ma wɔ Ɔsom Nhyiam ase ho:Vol. 33. No. 9. Asemmisa Afã, ɛfa nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie yiye bere a yɛkɔsra Betel no ho; Vol 34, No. 3, kratafa 3, wɔ asɛm a ɛne “Yehowa a Yeyi No Ayɛ wɔ Nnwonto Mu” wɔ yɛn Kristofo nhyiam horow ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena