Mmorɔn so Nsɛmma Nhoma Adansedi a Etu Mpɔn
1 January 1940 Informant (Yɛn Ahenni Som) hyɛɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa da titiriw bi nsi hɔ mfa nsɛmma nhoma nyɛ mmorɔn so adansedi dapɛn biara. Te sɛ kan no, ɛyɛ nokware nso sɛ nnɛ nsɛmma nhoma a yɛde di adanse wɔ mmorɔn so no di dwuma titiriw wɔ nnipa pii a yɛde asɛmpa no bɛkɔ wɔn nkyɛn no mu.
2 Wobɛyɛ dɛn atumi atu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no fã yi mu? Bɛboro mfe aduanan a atwam ni no, Asafo ti no de afotu a yebetumi de adi dwuma ara nnɛ mae sɛ: “Nnyina faako te sɛ akwankyerɛde bi, a wukura nsɛmma nhoma no wɔ wo nsam kɛkɛ, na mmom nantenantew borɔn no so, na fa nsɛmma nhoma no ma wɔn a wogyinagyina kwan ho, ne nnipa a wɔtete kar a egyinagyina hɔ mu, ne wɔn a wɔnam borɔn no so nso. Serew, hwɛ onipa no tẽẽ na kasa.” Yiw, ehia sɛ yɛde ‘yɛn anofafa’ bɔ Onyankopɔn din wɔ baguam.—Heb. 13:15.
3 Kyia na fa adamfofa nne kasa. Ebinom kasa ntɛmntɛm dodo. Sɛ onipa no ani nnye ho a, kasa a wobɛkasa ntɛmntɛm no remma n’ani nnye ho. Nantew kɔ ne nkyɛn, wo ne no mmɔ anan, na fa w’ani kyerɛ faako a ɔrekɔ no. Ɛyɛ papa sɛ wobɛka asɛmti biako pɛ ho asɛm, na fa nsɛmma nhoma foforo anaasɛ afoforo a ɛka ho no ka ho ma no. Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ wannye nsɛmma nhoma no mpo a, ma ɔmfa adwempa nkɔ.—1 Pet. 3:15.