Ɔsom Nhyiam Ma May
Dapɛn a Efi Ase May 4
Dwom 186
15 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ. Di asɛm a ɛne “Mmorɔn so Nsɛmma Nhoma Adansedi a Etu Mpɔn” nso ho dwuma sɛ asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Yɛ ɔkwan pa a wɔfa so yɛ saa a wɔada no adi wɔ asɛm no mu ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Fa Ɔwɛn-Aban No Bɔ Asɛmpa no Dawuru.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Hyɛ anuanom nkuran sɛ wonsusuw nsɛmma nhomakra ɔsatu no ho yiye, na wɔmfa hokwan biara a ɛfata a wobenya no nka ne kra ho asɛm.
15 min: “Kɔ Anigyefo Nkyɛn Ntɛm Ara.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ.
Dwom 208 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 11
Dwom 209
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Asemmisa Afã.
15 min: “Nsrahwɛ a Edi Kan a Etu Mpɔn.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Bere a moasusuw nkyekyem 6 ho awie no, yɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi betumi de Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa akyerɛ sɛnea wɔyɛ Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: Ɔwɛn-Aban no a yɛde bɛma wɔ afie afie. Ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw ne ofiewura bɔ nkɔmmɔ, ɔde asɛm a wɔbɛka akyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ asɛm “Nsrahwɛ a Edi Kan a Etu Mpɔn” no nkyekyem 4 di dwuma. Ɔtwe adwene si mpaebɔ ho nsɛm a ɛwɔ April 15, 1992, Ɔwɛn-Aban mu no so wɔ ɔkwan a ɛfata so. Sɛ mowɔ March de anaasɛ dedaw no bi wɔ hɔ a, obetumi de eyinom nso adi dwuma. Fa March 15, 1992 Ɔwɛn-Aban no mu asɛm a ese “Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Kyerɛ Ma Wo?” no yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa bi. Nnipa pii gyina Yesu asɛm a ɔkae wɔ Luka 17:21 no so ka sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ onipa no mu. Kyerɛkyerɛ mu sɛ sɛ ebia eyi ne ntease a ɛteɛ anaa ɛnteɛ no yɛ nea wɔka ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban no mu. Fa kratafa 5 mu asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewaa “So Ahenni no Hyɛ Yɛn Mu?” no ase kyerɛ ofiewura no.
Dwom 87 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 18
Dwom 195
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Fa nkamfo ma wɔ ntoboa a wɔayi ama Asafo ti no ne mo asafo no ho.
15 min: Munsusuw “Antichrist” ho asɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 32-3 no ho. “Antichrist” kyerɛ dɛn? So obiako pɛ na ɔwɔ hɔ, anaasɛ wɔdɔɔso? Bere bɛn na antikristo no yii ne ho adi, na henanom na wobebu wɔn saa? Ɔdawurubɔfo a wakɔ asɔrekɔni bi a wɔabɔ no kɔkɔ wɔ Yehowa Adansefo ho nkyɛn ho ɔyɛkyerɛ tiawa bi.
20 min: “So Wubetumi Aboa wɔ Faako a Mmoa ho Hia Kɛse?” Sɛ mudu nkyekyem 5 a, yɛ mmofra baanu anaa baasa a wɔresusuw nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ wobebisa kwan akɔyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma ho ɔyɛkyerɛ. Dɛn na ɛkanyan wɔn? Nsɛnnennen bɛn na wɔhwɛ kwan, na ɔkwan bɛn so na wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wobegyina ano? Ahoboa bɛn na wɔreyɛ na ama wɔatumi ayɛ ɔsatu no ma ayɛ yiye?
Dwom 197 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 25
Dwom 169
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Ka Nkaedi mu nsɛntitiriw. Nnipa baahe na wɔbae? Dɛn na ɛma wohu sɛ wobetumi ne afoforofo afi Bible adesua ase? Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo yɛ nhyehyɛe ma wɔsan kɔsra wɔn a wɔbaa Nkaedi no a mprempren wɔne wɔn nsua ade no.
20 min: “Fa Reasoning Nhoma no Di Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Yɛ nkyekyem 3 ne 4 ho ɔyɛkyerɛ abien a wɔasua no yiye.
15 min: Bisa osuahu ahorow fi wɔn a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ March, April, ne May mu no hɔ. Nneɛma bɛn na wɔde bɔɔ afɔre, na ɔkwan bɛn so na wɔte nka sɛ Yehowa hyiraa wɔn mmɔdenbɔ no so? Esiane wɔn adwuma a wɔtrɛw mu wɔ ɔsram no mu nti, so wofii Bible adesua afoforo bi ase? Ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ osuahu ahorow no ho nhyehyɛe. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonsusuw akwampaefo aboafo adwuma no ho wɔ asram a ɛwɔ yɛn anim no mu.
Dwom 93 ne mpaebɔ a wɔde wie.