Nsrahwɛ a Edi Kan a Etu Mpɔn
1 Nkɔmmɔbɔ a yebefi ase wɔ asɛnka mu betumi ayɛ den yiye, efisɛ nkurɔfo asetra mu nsɛm ho hia wɔn dodo, anaasɛ wokura adwene pɔtee bi wɔ ɔsom ho. Dɛn na yebetumi ama atra yɛn adwenem a ɛbɛboa yɛn ma yɛn nsrahwɛ a edi kan no atu mpɔn?
2 Wubetumi atwe adwene asi Yesu Kristo so na woaka sɛ:
◼ “Ɛyɛ nokwasɛm pefee sɛ Yesu Kristo anya adesamma abakɔsɛm so nkɛntɛnso yiye, ma ɛno nti wanya asase so asetra nso so nkɛntɛnso denam n’asase so som adwuma no so. Ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii kyerɛ sɛ wɔyɛ n’akyidifo. Wususuw sɛ Yesu ankasa reyɛ dɛn mprempren?” Ma ommua. Afei wubetumi ne ofiewura no asusuw Adiyisɛm 6:2, a ɛka Yesu ho asɛm sɛ ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so, na ɔrekowie ne nkonimdi no ho. Ka n’adwuma sɛ ɔhene ne mfaso a enni awiei a ɛde bɛbrɛ adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa no ho asɛm.
3 Sɛ wode March 1 de a ekura asɛm a ɛne “Wɔde Mfoa Bobɔ Nsɔw—Bere Bɛn? Ɔkwan Bɛn So?” no rema a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Adesamma pɛ sɛ wonya asomdwoe, nanso ɔko ayɛ onipa asetra mu awerɛhosɛm fi teteete. Ɛnnɛ mpo aman bi mu nnipa atwa wɔn ho reko wɔ Afrika mmeae bi. So anidaso wɔ hɔ sɛ yebenya asomdwoe wɔ wiase nyinaa daakye? Ɔwɛn-Aban no si Onyankopɔn bɔhyɛ so dua na ɛkyerɛ nea enti a yebetumi anya ahotoso sɛ wɔbɛdan akode ayɛ no asomdwoe nneɛma nnansa yi ara no. Kenkan Dwom 49:8, 9 ne Mika 4:3, 4 fa si so dua.
4 Wubetumi de April 15, 1992 “Ɔwɛn-Aban” no akyerɛ denam adwene a wobɛtwe asi mpaebɔ ho asɛm so no so, na woaka sɛ:
◼ “Nkurɔfo taa bɔ mpae sɛ wonni nkonim wɔ ɔko mu. So wususuw sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ a ɛte sɛɛ na ɔkɔ wɔn mu bi afã? [Ma ommua.] Susuw mmuae a Bible no de ma no ho.” Afei kenkan 1 Petro 3:12 na ka ho asɛm. Bere a wode nkyerɛkyerɛmu tiawa bi ama awie no, twe adwene si biribi so wɔ Ɔwɛn-Aban no mu asɛm no mu a ebetumi akanyan onipa no anigye ma wakenkan nsɛmma nhoma no. Afei hyɛ no nkuran sɛ ɔnkra bi.
5 Ma ɛntra w’adwene mu sɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua. Bere a yɛn nyinaa yere yɛn ho yɛ adwuma denneennen wɔ May mu no, yebenya hokwan pii mpo de ahwehwɛ nnipa a wɔn ani gye ho sɛ wobesua Bible no. Ebia ebinom reyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ May mu. Nanso sɛ yɛn nsɛm tebea amma yɛn kwan ma yɛanyɛ akwampaefo aboafo wɔ May mu mpo a, yɛn nyinaa betumi de ayɛ yɛn botae sɛ yebefi Bible adesua ase.
6 Adawurubɔfo binom de nkratawa afi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu.
Sɛ wode “Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu” rema a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Yɛyɛ nkurɔfo a wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma bi wɔ mo mpɔtam ha. Ma memfa kratawa yi a ɛkyerɛ adwuma ko a yɛyɛ no mma wo. So wususuw sɛ wiase no bɛyɛ te sɛ eyi da bi?” Bere a onipa no abua akyi no, wubetumi ne no asusuw nkyekyem kakra a edi kan no ho, na woasi Mateo 6:9, 10 ne Dwom 37:29 so dua.
7 Susuw ɔkwan a wobɛfa so ada wo ho adi no ho yiye. Wɔde nyansahyɛ ahorow a eye kyɛn so ama wɔ Reasoning nhoma no nkratafa 9-15. Nnianim nsɛm yi a wode bedi dwuma ahokokwaw so no bɛboa ma wo nsrahwɛ a edi kan no atu mpɔn.