Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ April mu
“Kristofo pii bɔ asu. Wususuw ho dɛn? So asubɔ ho hia? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ka nsɛm bi a w’ani begye ho.” Fa April 1 Ɔwɛn-Aban no ma ofiewura no na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan wɔ kratafa 16 ase, ne anyɛ yiye koraa no kyerɛw nsɛm a ɛwom no mu biako ho. Gyaw nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower April 1
“Adwene a nkurɔfo kura wɔ Yesu ho no gu ahorow pii. Ebinom susuw sɛ ɔne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Afoforo nso te nka sɛ ɔyɛ onipa pa bi kɛkɛ. Ebinom nso gye di sɛ ɔntenaa ase da. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Sɛnea Bible kyerɛ no, ɛho hia sɛ yehu ne ho nokwasɛm. [Kenkan Yohane 17:3.] Nsɛmma nhoma yi ma yenya nsɛm a nkurɔfo taa bisa fa Yesu ho no bi ho mmuae wɔ Bible no mu.”
Awake! April
“Yɛne mmusua resusuw asɛm bi a ɛbɛboa wɔn ho. Wunnye ntom sɛ mmusua rehyia nsɛnnennen pii nnɛ? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ baabi a mmusua pii anya afotu pa afi. [Kenkan Dwom 119:105.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea mmusua a mmanoma wom atumi de Bible mu nsɛm adi wɔn nsɛnnennen ho dwuma.”