Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ January mu
“Yɛpɛ sɛ wokyerɛ w’adwene wɔ asɛm bi ho. Onyankopɔn din ankasa ne dɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ asɛm a yɛbɛkenkan yi nsow.” Fa January 1 Ɔwɛn-Aban no ma ofiewura no, na twe n’adwene si asɛm a ɛwɔ akyi no so, afei munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan ne anyɛ yiye koraa no emu kyerɛw nsɛm no mu biako ho. Gyaw nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
Ɔwɛn-Aban January 1
“Nnipa pii ka wiase awiei no ho asɛm. Wususuw sɛ wiase awiei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesuro? [Twɛn ma ommua.] Asɛm a ɛwɔ ha yi kyerɛ sɛ nnipa bi benya wɔn ti adidi mu. [Kenkan 1 Yohane 2:17.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu mmuae a Bible de ma wɔ nsɛm anan a nkurɔfo taa bisa fa wiase awiei ho.”
Nyan! January
“Yɛne mmusua resusuw asɛm bi a ɛbɛboa wɔn ho. Wususuw sɛ ɛho hia sɛ mmusua de Yesu nsɛm yi yɛ adwuma? [Kenkan Asomafo Nnwuma 20:35b. Afei twɛn ma ommua.] Mmofra a yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔada ayamye adi no betumi ayɛ den paa wɔ wiase a nnipa pii dwen wɔn nkutoo ho yi mu. Nsɛmma nhoma yi kyerɛ ɔkwampa a awofo betumi afa so atete wɔn mma ma wɔadwen afoforo ho.”