Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ November mu
“Yɛn mu dodow no ara pɛ sɛ yenya aban papa. Wususuw sɛ aban bɛn na ebetumi adi adesamma haw ahorow ho dwuma? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ asɛm a wɔaka wɔ ha yi.” Fa November 1 Ɔwɛn-Aban no ma ofiewura no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan wɔ kratafa 16 ase, ne kyerɛw nsɛm a ɛwom no ho. Gyaw nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower November 1
“Yɛpɛ sɛ wokyerɛ w’adwene wɔ asɛm bi ho. Sɛ wubetumi abisa Onyankopɔn asɛm bi a, anka asɛm bɛn na wubebisa no? [Twɛn ma ommua.] Yesu kyerɛe sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ nsɛm a ɛhaw yɛn ankasa no ho mmuae. [Kenkan Mateo 7:7.] Mmuae a Bible de ma wɔ nsɛmmisa abiɛsa a ɛho hia yi ho wɔ nsɛmma nhoma yi mu.” Fa nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 3 ase hɔ no kyerɛ ofiewura no.
Awake! November
“Yɛne mmusua resusuw asɛm bi a ɛbɛboa wɔn ho. Ɔbaatankoro mmusua abu so paa. Wususuw sɛ wohyia nsɛnnennen pii sen mmusua a awofo baanu nyinaa wom no? [Twɛn ma ommua.] Awofo pii anya afotu pa wɔ Bible no mu. [Kenkan 2 Timoteo 3:16.] Nyansahyɛ ahorow bi a ɛbɛboa ɔbaatankoro mmusua ma wɔatumi adi wɔn asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma wɔ nsɛmma nhoma yi mu.”