Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ August mu
“Obiara wɔ ne som ne ɔkwan a ɔfa so som Onyankopɔn. Wohwɛ a, Onyankopɔn te nka dɛn wɔ ho? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea Yesu kae wɔ asɛm yi ho.” Fa August 1 Watchtower no bi ma ofiewura no, na wo ne no nkenkan asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan no ase wɔ kratafa 16 no na munsusuw kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu biako anaa nea ɛboro saa ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe ne no nkosusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower August 1
“So ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra Onyankopɔn ho ade fi wɔn mmofraase, anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔtwɛn na sɛ wonyin a wɔn ankasa apaw ɔsom a wɔpɛ? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Bible ka kyerɛ agyanom sɛ wɔnyɛ yi nsow. [Kenkan Efesofo 6:4.] Nsɛmma nhoma yi de akwan a awofo betumi afa so akyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn ho ade ho nyansahyɛ ma.”
Awake! August
“Mepɛ sɛ wokyerɛ w’adwene wɔ asɛm yi ho. [Kenkan 1 Samuel 16:23.] Kyerɛwnsɛm yi ma yehu sɛ nnwom wɔ tumi paa. Wususuw sɛ nnwom ahorow bi betumi anya yɛn so nkɛntɛnso bɔne? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ ɔkwan a yebetumi afa so apaw nnwom pa ne sɛnea yebetumi aboa yɛn mma ma wɔn nso ayɛ saa.”