Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ July mu
“Nnansa yi nkurɔfo rekyerɛ abɔfo ho anigye kɛse. Wususuw sɛ abɔfo wɔ hɔ ampa? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ asɛm a wɔaka wɔ ha yi.” Fa July 1 Ɔwɛn-Aban no ma ofiewura no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan wɔ kratafa 16 ase, ne anyɛ yiye koraa no kyerɛw nsɛm a ɛwom no mu biako ho. Gyaw nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower July 1
Kenkan Dwom 65:2. Afei ka sɛ: “Nnipa pii gye tom sɛ Onyankopɔn yɛ ‘mpaebɔ Tiefo,’ na wɔbɔ mpae da biara da. Nanso, afoforo bisa sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa a, dɛn nti na ɔhaw pii wɔ wiase no mu saa?’ Wudwen ho dɛn? So Onyankopɔn bi wɔ hɔ a otie yɛn mpaebɔ? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu mmuae a Bible de ma wɔ asɛmmisa yi ho: ‘Dɛn nti na mpaebɔ Tiefo no ma amanehunu ho kwan?’”
Awake! July
“Sɛ wubetumi asesa ade biako bi wɔ wiase yi mu a, anka dɛn na wobɛsesa? [Twɛn ma ommua.] Bible ma yehu nea enti a nnipa ntumi nyɛ nneɛma ahorow bi. [Kenkan Yeremia 10:23.] Nsɛmma nhoma yi ka nneɛma a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔsesa ho asɛm.”