Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/13 kr. 4
  • Nsɛm a Yebetumi Aka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm a Yebetumi Aka
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 6/13 kr. 4

Nsɛm a Yebetumi Aka

De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ July mu

“Ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte yɛn mpɔtam ha nyinaa pɛ sɛ wonyin kyɛ na wɔn ani gye wɔ asetena mu. Enti yɛpɛ sɛ yebisa wo asɛm bi: Wohwɛ a bere bi bɛba a nyansahu ne nnuru betumi ama yɛatena ase daa? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ asɛm a wɔaka wɔ ha yi.” Fa asɛm a ɛwɔ July 1 Ɔwɛn-Aban no akyi kyerɛ no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmmisa a edi kan no ase ne anyɛ yiye koraa no emu kyerɛw nsɛm no mu biako ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.

Monhyɛ no nsow: Monyɛ asɛm a wɔka kyerɛ yi ho ɔyɛkyerɛ wɔ asɛnka nhyiam a mobɛyɛ no July 6 ase.

The Watchtower July 1

“Nnipa pii a yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ no wɔ wɔn asɔre a wɔkɔ. Nanso ebinom ka sɛ wɔn ani nnye nyamesom ho koraa. Wuhu nyamesom dɛn? [Twɛn ma ommua.] Yesu ma yɛn biribi a yebetumi agyina so ahwehwɛ nyamesom mu. [Kenkan Luka 6: 44a.] Nsɛmma nhoma yi ka aba bɔne a nyamesom asow no bi ho asɛm. Ɛsan nso ma yenya asɛmmisa yi ho mmuae, So ɔsom bi wɔ hɔ a yebetumi de yɛn werɛ ahyɛ mu?”

Awake! July

“Yɛresrasra mpɔtam hafo ne wɔn asusuw asɛm bi a ɛhaw obiara ho. Ɛfa atɛnkyea ho. Ebinom kasa tia atɛnkyea denneennen de ko tia. Wususuw sɛ wɔn a wɔkasa tia no tumi ma nneɛma sesa? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Bible ka sɛ ɛbɛma nsakrae ankasa aba asase so no nsow. [Kenkan Mateo 6:9, 10.] Nsɛmma nhoma yi ma yenya asɛmmisa bi ho mmuae. Asɛmmisa no ne sɛ: So ɔkasatia ne ano aduru?”

Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ!

“Yɛne mmusua a wɔte borɔn yi so resusuw Bible mu asɛm bi a ɛhyɛ nkuran ho. Wɔn a yɛne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ no mu pii nhu nea enti a Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ama kwan ma amanehunu pii kɔ so wɔ wiase mu. Wususuw sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yemmehu amane wɔ asase so?” Twɛn ma ommua. Afei dan kɔ adesua 5, na monkenkan na munsusuw nkyekyɛm abien a edi kan ne kyerɛw nsɛm a wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw no ho. Fa nhomawa no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ a wɔde nkyerɛwde tuntum paa akyerɛw no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena