Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ July mu
“Nnipa pii tĩ Awurade Mpaebɔ a ɛne ‘W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro’ no mu mpɛn pii. Wususuw sɛ dɛn ne saa Ahenni no? [Twɛn ma ommua.] Bible mu asɛm yi ma yehu ɛho biribi.” Kenkan Daniel 2:44. Afei fa July 1 Watchtower no bi ma no, na wo ne no nkenkan asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan no ase wɔ kratafa 16 no. Gyaw nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe ne no nkosusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower July 1
“Esiane sɛ yɛn nkwa nna yɛ tiaa na ɔhaw ahyɛ mu ma nti, nnipa pii nhu nea enti a yɛte nkwa mu. Woasusuw eyi ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible no hyɛ yɛn bɔ sɛ asetena renyɛ sɛɛ daa. [Kenkan Adiyisɛm 21:4.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu Onyankopɔn atirimpɔw ma asase yi, na ɛkyerɛ nneɛma a yebetumi ayɛ na yɛanya asetena a edi mũ seesei.”
Awake! July
Ka asiane bi a asi ho asɛm. Afei ka sɛ: “Dɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ma nneɛma a ɛtete saa rekɔ so? [Twɛn ma ommua.] Sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn wɔ ayamhyehye ma wɔn a wɔrehu amane. [Kenkan Exodus 3:7.] Bible no san ma yehu nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan, ne nea ɔbɛyɛ ama ɛto atwa nnansa yi ara. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ mu.”