Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ May mu
“Woasusuw nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ne amanehunu ho kwan no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Mepɛ sɛ mede asɛm a ɛfa eyi ho kyerɛ wo.” Wo ne no nkenkan asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan no ase wɔ kratafa 16 wɔ May 1 Watchtower no mu ne kyerɛw nsɛm a ɛwɔ hɔ no mu biako. Fa nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe ne no nkosusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower May 1
Kenkan Dwom 37:10, 11. Afei ka sɛ: “Wugye di sɛ saa bɔhyɛ yi bɛba mu nnansa yi ara? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow asia a yɛahu sɛ ɛrenya ne mmamu seesei no mu. Nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ koraa bɔhyɛ yi bɛba mu.”
Awake! May
“Ebinom ka sɛ nnipa yɛ mmoa a wɔanya nkɔanim kɛkɛ. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Dwom 139:14.] Nokwarem no, ná odwontofo no nni sɛnea nipadua no yɛ nwonwa no ho nimdeɛ pii. Nsɛmma nhoma yi ka nea nnɛ yɛahu ho asɛm. Afei, ɛka nea ɛma nnipa yɛ soronko wɔ mmoa ho nso ho asɛm.”