Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/13 kr. 8
  • Nsɛm a Yebetumi Aka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm a Yebetumi Aka
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Aguamansɛm​—Ɛyɛ Agoru Anaa Ɛyɛ Hu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wopo Ponografi?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Ɔhaw a Nguamansɛm De Ba
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 7/13 kr. 8

Nsɛm a Yebetumi Aka

De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ August mu

“Ɛkame ayɛ sɛ obiara abɔ mpae pɛn. Wɔn a wonnye Onyankopɔn nni mpo, sɛ wɔn ho kyere wɔn a wɔbɔ mpae. Wususuw sɛ Onyankopɔn tie obiara mpaebɔ?” Twɛn ma ommua. Fa asɛm a ɛwɔ August 1 Ɔwɛn-Aban no akyi kyerɛ no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmmisa a edi kan no ase ne anyɛ yiye koraa no emu kyerɛw nsɛm no mu biako ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.

Monhyɛ no nsow: Monyɛ asɛm a wɔka kyerɛ yi ho ɔyɛkyerɛ wɔ asɛnka nhyiam a mobɛyɛ no August 3 ase.

Ɔwɛn-Aban August 1

“Yɛaba sɛ yɛne wo rebesusuw asɛm bi ho tiawa efisɛ sɛnea aguamansɛm abu so no haw nnipa pii. Nanso nnipa pii nso susuw sɛ aguamansɛm nni nsunsuanso bɔne biara. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Yesu kae sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛ biribi ye anaasɛ enye a, aba a ɛsow no na ɛbɛma yɛahu. [Kenkan Mateo 7:17.] Nsɛmma nhoma yi ka nea afi aguamansɛm mu aba no bi ho asɛm. Ɛde nyansahyɛ a ebetumi aboa obi ma watetew ne ho afi aguamansɛm ho nso ma.”

Nyan! August

“Yɛn mu dodow no ara pɛ sɛ yɛtena ase kyɛ. Wususuw sɛ bere bi bɛba a nyansahu benya nkɔanim ma yɛatumi atena ase daa? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ bɔhyɛ a ɛka koma yi. [Kenkan 1 Korintofo 15:26.] Nanso ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so ayɛ eyi​—ɔbɛfa nyansahu anaa ɔkwan foforo bi so? Afei nso, dɛn nti na yenyin na yewu? Nsɛmma nhoma yi ma yehu mmuae a Bible de ma wɔ asɛm yi ho.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena