Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 8/8 kr. 22-26
  • Ɔhaw a Nguamansɛm De Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhaw a Nguamansɛm De Ba
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɛntɛnso a Nguamansɛm Nya Wɔ Mpanyimfo So
  • Mmofra a Epira Wɔn
  • Nkɛntɛnso a Enya Wɔ Aware So
  • Honhom Mu Opira
  • Wo Ho a Wobɛde Afi Nguamansɛm Ho
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wopo Ponografi?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Aguamansɛm​—Ɛyɛ Agoru Anaa Ɛyɛ Hu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Aguamansɛm a Wɔhwɛ
    Nyan!—2013
  • Dɛn Nti na Nguamansɛm Abu so Saa?
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 8/8 kr. 22-26

Ɔhaw a Nguamansɛm De Ba

WONYA nna ho nsɛm a egu ahorow nyinaa bi wɔ television so, sini mu, video so nnwom mu ne intanɛt so. So saa kokoam nguamansɛm, nna ho mfonini a wotwa no adwene mu daa no ntumi mpira, sɛnea nnipa dodow no ara pɛ sɛ yegye di no?a

Nkɛntɛnso a Nguamansɛm Nya Wɔ Mpanyimfo So

Ɛmfa ho nea nguamansɛm akyitaafo ka no, ɛwɔ nkɛntɛnso bɔne wɔ adwene a nkurɔfo kura wɔ nna ne nna mu nneyɛe ho no so. Nhwehwɛmufo a wɔwɔ Ɔman Ahyehyɛde a Ɛhwehwɛ Mmusua ne Ntetee Ho Nsɛm Mu no kae sɛ, “nguamansɛm a woyi kyerɛ no pira wɔn a wɔhwɛ no kɛse ma wonya nna ho adwene a ɛmfata.” Sɛnea amanneɛbɔ no kyerɛ no, “mmonnaato ho atosɛm (gyidi a ɛne sɛ mmea na ɛde mmonnaato ba na wɔn anigye ho, na asɛm biara nni mmonnaatofo ho no) retrɛw yiye wɔ mmarima a nguamansɛm abɛyɛ wɔn su no mu.”

Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ nguamansɛm a obi de di dwuma ntoatoaso no tumi twitware mmɔden a ɔbɔ sɛ obenya aware mu anigye na ɔde ne ho ahyɛ emu nkitahodi mu no ananmu. Ɔbenfo Victor Cline, a waben wɔ ayaresa a wɔde ma wɔn a ɔbea ne ɔbarima nna aka wɔn hɔ mu no ahyɛ sɛnea nguamansɛm a wɔde di dwuma no renya nkɔso ntɛmntɛm no nsow. Sɛ wɔanyɛ ho biribi a, awiei koraa no, nguamansɛm a wufi ase hwɛ bere a wunsiesiee wo ho sɛ wobɛyɛ saa no betumi akowie nguamansɛm ho nneɛma a enye koraa mu. Ɔka sɛ eyi betumi akowie nna mu nneyɛe a ɛnteɛ mu. Nnipa nneyɛe ho anyansahufo nso gye tom. Ɔbenfo Cline bɔ amaneɛ sɛ “wotumi nya nna mu nneyɛe a ɛnteɛ biara wɔ saa kwan yi so . . . na afobu a emu yɛ duru nka a wɔte mpo ntumi nyi mfi hɔ.” Awie koraa no, ebia nea ɔhwɛ no bɛbɔ mmɔden sɛ obesuasua nna ho nsusuwii hunu a ɛkɔ so wɔ nguamansɛm mu no bi, na mpɛn pii no ekowie ɔhaw mu.

Cline kae sɛ ɔkwan a ɔhaw no fa so ba no betumi ayɛ nkakrankakra na wuntumi nhu. Ɔka sɛ: “Te sɛ kokoram no, ɛkɔ so nyin na ɛtrɛw. Ɛyɛ den sɛ ebegyae na ne sa nso nna fam. Gye a ɔbarima no nnye ntom sɛ adeyɛ no aka ne hɔ ne po a ɔpo sɛ obedi ɔhaw no ho dwuma no yɛ ɔhaw a wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba ɔkwan biara so, na ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa eyi mma biakoyɛ mma awarefo no ntam, ɛtɔ mmere bi a ekowie awaregu mu, na ɛtɔ mmere bi nso a ɛsɛe abusuabɔ afoforo a emu yɛ den.”

Mmofra a Epira Wɔn

Akontaabu kyerɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ nguamansɛm titiriw ne mmarimaa a wadi mfe 12 kosi 17. Nokwarem no, wɔ pii fam no, nguamansɛm ne beae titiriw a wonya nna ho nkyerɛkyerɛ fi. Nea efi eyi mu ba no yɛ ahodwiriw ankasa. Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Wonnyi mprewa-nyinsɛn ne nyarewa a wonya fi nna mu te sɛ AIDS no ho mfonini nka nguamansɛm ho, na wɔnam ɛno so daadaa nkurɔfo ma wogye di sɛ ɔhaw biara nni nneyɛe a wɔyɛ ho mfonini wɔ nguamansɛm mu no mu.”

Nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ nguamansɛm a woyi kyerɛ mmofra betumi aka sɛnea abofra bi adwene nyin no. Ɔbenfo Judith Reisman, ɔpanyin a ɔda Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nsɛm Ho Amanneɛbɔ Mu Ntetee Ho Nsɛm So ano no ka sɛ: “Nea wɔahyɛ no nsow wɔ ɛhon nkwaadɔm akwahosan ho nhwehwɛmu a wɔayɛ mu ne sɛ, sɛnea amemene ntini no yɛ n’ade bere a obi hwɛ nguamansɛm no yɛ awosu mu ade titiriw a ebetumi anya sɛnea onii no susuw nneɛma ho gye tom no so nkɛntɛnso—na ɛno yɛ asiane ma mmofra no amemene a ɛyɛ ‘mmerɛw’ sɛ ebenya so [nkɛntɛnso] no efisɛ ɛsɛe wɔn ntease wɔ nneɛma a ɛyɛ paa ara ho na epira wɔn adwene ne honam fam akwahosan, wɔn yiyedi ne wɔn anigye.”

Nkɛntɛnso a Enya Wɔ Aware So

Nguamansɛm sesa nkurɔfo suban na enya wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso. Nsɛm a ekura no daadaa nkurɔfo titiriw efisɛ ɛyɛ nsusuwii hunu, na woyi kyerɛ ma ɛyɛ anigye paa sen sɛnea ade no te ankasa. (Hwɛ adaka “Nsɛm no Mu Nea Ɛwɔ He na Wubegye Atom?”) Amanneɛbɔ bi ka sɛ “ankorankoro a wɔde nguamansɛm di dwuma no de akwanhwɛ a entumi mma mu si wɔn ani so na ekowie abusuabɔ a ɛsɛe mu.”

Nguamansɛm betumi asɛe ahotoso ne nokwaredi, su horow a ɛho hia wɔ aware mu no. Esiane sɛ wɔhwɛ no kokoam titiriw nti, nguamansɛm a wɔde di dwuma taa kowie nnaadaa ne atorodi mu. Ahokafo te nka sɛ wɔayi wɔn ama. Wɔnte nea enti a wɔn aware mu hokafo ani nnye wɔn ho bio no ase.

Honhom Mu Opira

Nguamansɛm a wɔde di dwuma sɛe ade kɛse wɔ honhom fam. Ebetumi ayɛ akwanside ankasa ama obi a ɔrehwehwɛ sɛ ɔne Onyankopɔn benya abusuabɔ no.b Bible no de nna ho akɔnnɔ toto anibere ne abosonsom ho. (Kolosefo 3:5) Obi a n’ani bere biribi no de dekode a n’ani bere no di biribiara kan wɔ n’asetram, ma ebunkam biribiara so. Nokwarem no, wɔn a nguamansɛm aka wɔn hɔ no de nna ho akɔnnɔ a wɔwɔ no di Onyankopɔn kan. Enti wɔde yɛ wɔn nyame. Yehowa Onyankopɔn ahyɛde ka sɛ: “Nnya anyame foforo nka me ho.”—Exodus 20:3.

Nguamansɛm sɛe abusuabɔ a ɔdɔ wom. Ɔsomafo Petro, a na n’ankasa yɛ ɔwarefo no, hyɛɛ Kristofo okununom nkuran sɛ wonni wɔn yerenom ni. Okunu a ɔnyɛ saa no behu sɛ ne mpaebɔ a ɔbɔ Onyankopɔn no ano kwan asiw. (1 Petro 3:7) So kokoam mfonini a ɛmfata a ɛfa mmea ho a obi hwɛ no bɛkyerɛ sɛ ɔredi n’ankasa yere ni? Sɛ ɔbea no hu a ɔbɛte nka dɛn? Na Onyankopɔn a ‘ɔde nneyɛe nyinaa bɛkɔ atemmu mu’ na ‘ɔkari honhom no’ besusuw dɛn? (Ɔsɛnkafo 12:14; Mmebusɛm 16:2) So ɛsɛ sɛ obi a ɔde nguamansɛm di dwuma no susuw sɛ Onyankopɔn betie ne mpaebɔ?

Anigye a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya no ɔkwan biara so ɛmfa ho nea ebefi mu aba no yɛ su a ɛbata nguamansɛm a wɔde di dwuma ho. Ɛno nti, nguamansɛm a wɔhwɛ nkyerɛ ɔdɔ. Ɛbrɛ Kristoni mmɔden a ɔbɔ sɛ obekura ahotew ne abrabɔ kronn mu wɔ Onyankopɔn anim no ase. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ . . . sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu . . . sɛ obiara nntra so nnkosisi ne nua.”—1 Tesalonikafo 4:3-7.

Nguamansɛm di mmea ne mmofra amim titiriw. Ɛbrɛ wɔn ase na ɛsɛe nidi ne hokwan a wɔwɔ no. Obi a ɔde nguamansɛm di dwuma no de ne ho hyɛ amimdi mu foa so nso. Nhwehwɛmufo Steven Hill ne Nina Silver kyerɛ sɛ: “Ɛmfa ho sɛnea obi susuw sɛ oye fa no, nguamansɛm a ɔpene so na ɔde di dwuma no ma ɔbɛyɛ obi a [onni tema] a ɔda animtiaabu adi kyerɛ onii a ɔkyerɛ sɛ odwen ne ho no.”

Wo Ho a Wobɛde Afi Nguamansɛm Ho

Na sɛ woreko atia nguamansɛm a aka wo hɔ no nso ɛ? So biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de ade wo ho? Bible no ma yenya anidaso! Na tete Kristofo no binom yɛ nguaman, awaresɛefo, ne aniberefo ansa na wɔrebehu Kristo. Paulo kae sɛ: “Afei wɔaguare mo.” Ɔkwan bɛn so? Obuae sɛ: “Wɔatew mo ho . . . yɛn Nyankopɔn honhom mu.”— 1 Korintofo 6:9-11.

Mmu Onyankopɔn honhom kronkron tumi no adewa da. Bible no ka sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so.” Nokwarem no, ɔbɛma ɔkwan a yɛbɛfa so afi mu abɛda hɔ. (1 Korintofo 10:13) Mpae a wobɔ no anibere so—wo haw a wode bɛto Onyankopɔn anim daa no—bɛsow aba. N’asɛm hyɛ nkuran sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu.”—Dwom 55:22.

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ woyɛ ade ma ɛne wo mpaebɔ no hyia. Ɛsɛ sɛ wusi wo bo fi komam si gyinae de po nguamansɛm. Adamfo anaa obusuani a wowɔ ne mu ahotoso betumi ayɛ mmoa kɛse, na ama woanya mmoa ne nkuranhyɛ a ehia na ama woakura wo gyinaesi no mu. (Hwɛ adaka “Mmoa a Wubenya.”) Kae a wobɛkae sɛ Onyankopɔn ani gye saa adeyɛ no ho ɔkwan biara so no bɛboa wo ama woakura wo gyinaesi no mu. (Mmebusɛm 27:11) Nea ɛka ho no, nim a wunim sɛ nguamansɛm a wobɛhwɛ bɛma woafom Onyankopɔn no nso bɛhyɛ wo nkuran ma woagyae. (Genesis 6:5, 6) Ɛnyɛ adeyɛ a ɛda fam, nanso ɛyɛ ade a wubetumi adi so nkonim. Wobetumi adi nguamansɛm so nkonim!

Asiane a ɛwɔ nguamansɛm a wɔde di dwuma mu no yɛ paa ara. Epira na ɛsɛe ade nso. Ɛsɛe wɔn a wɔyɛ ne wɔn a wɔde di dwuma no nyinaa. Ɛyɛ adapaade ma mmarima ne mmea nyinaa, ɛyɛ asiane ma mmofra, na ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔkwati.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ Intanɛt so nguamansɛm ho asiane ahorow no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, yɛsrɛ sɛ hwɛ nsɛm a ɛba toatoaa so a wɔato din “Internet Pornography—What Harm Can It Do?” (Intanɛt so Nguamansɛm—Ɔhaw Bɛn na Ebetumi De Aba) a ɛwɔ June 8, 2000, Engiresi Nyan!, kratafa 3-10 no.

b Sɛ wopɛ Bible no adwene wɔ nguamansɛm ho a, yɛsrɛ sɛ hwɛ July 8, 2002 Nyan! no kratafa 13-15.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26]

Mmoa a Wubenya

Ɛnsɛ sɛ wobu mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛko atia nguamansɛm no adewa; ebetumi ayɛ ɔko a emu yɛ den. Ɔbenfo Victor Cline a wasa nnipa ɔhaha pii a ɔbea ne ɔbarima nna aka wɔn hɔ yare no ka sɛ: “Bɔ ahorow a wɔhyehyɛ ntumi mmoa. Adwempa nkyerɛ hwee. [Obi a ɔbea ne ɔbarima nna aka ne hɔ] ankasa ntumi nni eyi ho dwuma.” Sɛnea Cline kyerɛ no, nea ehia na ama watumi adi ho dwuma yiye ne ne hokafo mmoa, sɛ waware a. Ɔkyerɛ sɛ: “Sɛ wɔn baanu boa a, egyae ntɛm. Wɔn baanu nyinaa na apira. Wɔn baanu nyinaa hia mmoa.”

Sɛ onii no nwaree a, mpɛn pii no adamfo anaa obusuani a ɔwɔ ne mu ahotoso betumi ahyɛ no den. Ɛmfa ho onii ko a ɔregye mmoa no, Cline ka asɛm biako a wontumi nsesa no yi: Ka ɔhaw no ne nea ɛretwe wo san ho asɛm kyerɛ pefee. Ɔka sɛ: “Wode biribi sie a, ‘ekum wo,’ ɛma wote aniwu ne afobu nka.”

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 25]

Nsɛm no Mu Nea Ɛwɔ He na Wubegye Atom?

Nguamansɛm Ho Nsɛm Bible no Adwene

◼ Obiara a wo ne no bɛda, ◼ “Wonni aware ni, ade nyinaa mu,

bere biara, wɔ tebea biara mu, na wonngu aware mpa ho fi;

ne ɔkwan biara so no ye na ɔhaw efisɛ nguaman ne awaresɛefo de,

biara nnim. Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.”

—Hebrifo 13:4.

“Nea ɔbɔ aguaman no de,

ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne.”

—1 Korintofo 6:18;

hwɛ Romafo 1:26, 27 nso.

◼ Aware mma wonnya nna mu ◼ “Wo ne wo mmerantebere mu

kyɛfa sɛnea ɛsɛ. yere ani nnye . . . tɔ

ne dɔ mu ntintan daa yi.”

—Mmebusɛm 5:18, 19; hwɛ

Genesis 1:28; 2:24;

1 Korintofo 7:3 nso.

◼ Mmea wɔ atirimpɔw biako ◼ ‘Me Yehowa Nyankopɔn mɛyɛ ne

pɛ—sɛ wobedi nna ho ahiade sɛso boafo mama no.’—Genesis 2:18;

a mmarima wɔ no ho dwuma. hwɛ Efesofo 5:28 nso.

◼ Mmarima ne mmea yɛ nkoa ma ◼ “Enti, munkum mo akwaa a ɛwɔ

wɔn nna ho akɔnnɔ. asase so no: aguamammɔ, afideyɛ,

akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne

anibere a ɛyɛ abosonsom.”

—Kolosefo 3:5.

“Mo mu biara nhu sɛ obenya

n’ankasa n’ade ahotew ne nidi

mu.”—1 Tesalonikafo 4:4.

Bu ‘mmea mpanyin sɛ ɛnanom,

mmabaa sɛ nuabeanom, wɔ

ahotew nyinaa mu.’

—1 Timoteo 5:1, 2; hwɛ

1 Korintofo 9:27 nso.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ nguamansɛm a woyi kyerɛ no betumi aka sɛnea abofra bi adwene nyin ankasa no

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Nguamansɛm betumi asɛe ahotoso ne nokwaredi a ɛwɔ aware mu no

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Mpae a wɔbɔ no anibere so no bɛsow aba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena