Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 8/8 kr. 20-22
  • Dɛn Nti na Nguamansɛm Abu so Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Nguamansɛm Abu so Saa?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nguamansɛm Abɛyɛ Ade a Wogye Tom Kɛse
  • Nea Enti a Wɔyɛ Nguamansɛm
  • Aguamansɛm​—Ɛyɛ Agoru Anaa Ɛyɛ Hu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ɔhaw a Nguamansɛm De Ba
    Nyan!—2003
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wopo Ponografi?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Aguamansɛm a Wɔhwɛ
    Nyan!—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 8/8 kr. 20-22

Dɛn Nti na Nguamansɛm Abu so Saa?

NGUAMANSƐM ho nneɛma a wɔyɛ de kanyan nna ho akɔnnɔ no fii ase mfe mpempem pii ni. Nanso bere a nguamansɛm refi ase aba no, na ɛho adwuma yɛ nna fam ma enti na adefo ne tumidifo titiriw na wɔn nsa tumi ka bi. Nneɛma pii a wotintimii ne mfonini ne sini ahorow a wofii ase yɛe no sesaa ne nyinaa. Nguamansɛm bɛyɛɛ ade a wotumi tɔ na wɔn a wɔnyɛ adefo mpo nsa tumi kaa bi.

Afiri a wotumi de kyere nneɛma gu video kasɛt a wɔyɛe so no maa saa ade yi bɛyɛɛ kɛse. Nea ɛnte sɛ ntwahonan ahorow a sini mfonini fa so ne mfonini dedaw no, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkora video kasɛt so, atwe agu kasɛt foforo so, na wɔakyekyɛ. Na obi tumi hwɛ wɔ n’ankasa fie nso. Nnansa yi, television so dwumadi a wotumi fa nhama so kyere fi mmeae foforo ne Intanɛt a adɔɔso no ama ayɛ mmerɛw kɛse mpo sɛ obi nsa bɛka nguamansɛm. Dennis McAlpine a ɔyɛ nsɛm ho nhwehwɛmufo no ka sɛ, seesei de ɔdetɔfo a anka osuro sɛ ne fipamfo behu no wɔ beae a wɔtɔn nguamansɛm ho nneɛma wɔ video sotɔɔ mu no betumi “atra fie atɔ bi denam ne television hama bi so a obemia anaasɛ ɔbɛhwɛ no tẽẽ wɔ TV so dwumadi foforo so.” Sɛnea McAlpine kyerɛ no, mmerɛw a ɛyɛ sɛ wɔn nsa ka saa dwumadi yi no ka ho bi na “nnipa pii gye tom no.”

Nguamansɛm Abɛyɛ Ade a Wogye Tom Kɛse

Nnipa dodow no ara nhu nea wɔnyɛ wɔ nguamansɛm ho efisɛ abɛyɛ ade a wogye tom kɛse nnɛ. Nhomakyerɛwfo Germaine Greer ka sɛ: “Nkɛntɛnso a anya wɔ amammerɛ so no sen nea nnwom a wɔde yɛ ɔyɛkyerɛ, asaw, agoruhwɛbea, nnwonto ne adwini nyinaa a wɔaka abom wɔ no. Nnɛyi nneyɛe a wɔda no adi wɔ nguamansɛm ho no betumi ada adi wɔ ntaade a wonim sɛ nguaman hyɛ a ɛba so a nnipa pii a wɔagye din hyɛ, video so nnwom a wɔkɔ so yi nna ho mfonini kyerɛ wom, ne nguamansɛm ho mfonini a nsɛm ho amanneɛbɔfo de aka aguadi ho dawurubɔ ho no mu.” McAlpine de ba awiei sɛ: “Ɔmanfo gye biribiara a wɔde kyerɛ no tom. . . . Ɛno boa ma nkurɔfo nya adwene sɛ eyinom nyinaa ye.” Nhomakyerɛwfo Andrea Dworkin ka sɛ, ne saa nti, “ɛte sɛ nea nkurɔfo ho nnwiriw wɔn wɔ ho. Ɛte sɛ nea ɛmfa wɔn ho.”

Nea Enti a Wɔyɛ Nguamansɛm

Bere a Roger Young, FBI dwumayɛni bi a wagyae adwuma no refa nhoma kyerɛwfo Dworkin nsɛm aka no, ɔkae sɛ nnipa pii “nhu adapaade ne ɔhaw a nguamansɛm de ba no ankasa.” Ebinom ama wɔn a wɔtaa nguamansɛm akyi no adaadaa wɔn, na wɔka sɛ adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nguamansɛm ho mfonini nya nkɛntɛnso bɔne wɔ nkurɔfo so. Nhomakyerɛwfo F. M. Christensen kyerɛw sɛ: “Nguamansɛm yɛ nsusuwii hunu ara kwa. Nokwasɛm a ɛyɛ den ma wɔn a wɔmpene so no sɛ wobegye atom.” Sɛ nsusuwii hunu nni nkɛntɛnso biara a, ɛnde na dɛn so na aguade ho dawurubɔ adwuma no gyina? Dɛn nti na anka nnwumakuw akɛse bɛsɛe dɔla ɔpepem pii wɔ aguadi nneɛma, video, ne aguadi ho dawurubɔ a wotintim ho, sɛ entumi nnya nkurɔfo so nkɛntɛnso a ɛtra hɔ kyɛ a?

Nokwasɛm ne sɛ te sɛ aguadi ho dawurubɔ biara a ɛkɔ yiye no, nguamansɛm botae titiriw ne sɛ ɛbɛkanyan nna ho akɔnnɔ bi, bere a anka wunni saa akɔnnɔ no mpo no. Nhwehwɛmufo Steven Hill ne Nina Silver kyerɛw sɛ: “Nea wɔde nguamansɛm yɛ ara ne sɛ wɔde benya mfaso, ɛnyɛ biribi foforo biara. Na wɔ saa aguadi a agye nsam yi mu no, sɛ wɔde biribi di dwuma didi ho wie a, ɛbɛdan nea ɛho nhia bio, ne titiriw no mmea nnipadua ne nna mu nkitahodi.” Greer de nguamansɛm toto aduan a wɔnoa no ntɛm a ɛwɔ nkɛntɛnso kɛse a nnuannuru biara nnim a wɔde asomduru ne nnuru ahorow a ɛma ɛyɛ dɛ kɛse fra mu ho. Ɔka sɛ: “Nna a wɔbɔ ho dawuru ntɛmntɛm no yɛ nnaadaa kwan so nna . . . Wɔn a wɔbɔ aduan ho dawuru no tɔn aduanfõ, na nna ho dawurubɔfo nso tɔn nna a ɛnyɛ nokware.”

Nnuruyɛfo bi ka sɛ nguamansɛm tumi kanyan nna ho su bi a ɛka obi hɔ a ɛyɛ den sɛ obedi so sen sɛnea nnubɔnenom ka obi hɔ no. Nea wɔtaa yɛ de fi wɔn a nnubɔnenom aka wɔn hɔ no ayaresa ase ne sɛ wɔma wogyae nnuru no nom na wɔama wɔn nnuru foforo de ayi nea ne nom aka wɔn hɔ no afi wɔn nnipadua mu. Nanso ɛdefa nguamansɛm a ɛka obi hɔ ho no, Ɔbenfo Mary Anne Layden a ɔwɔ Pennsylvania Sukuupɔn mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ “etwa mfonini wɔ adwene no mu na ɛka wɔn a wɔde di dwuma no adwene mu koraa ma ɛne adwene no di afra.” Ɛno nti na ankorankoro tumi kae nguamansɛm ho mfonini pɛpɛɛpɛ wɔ mfe pii akyi no. Ɔde ba awiei sɛ: “Eyi ne ade a edi kan a ɛka obi hɔ a anidaso biara nni hɔ sɛ obetumi ade ne ho afi ho koraa.” Nanso eyi kyerɛ sɛ obi ntumi nne ne ho mfi nguamansɛm nkɛntɛnso ho? Na ɔhaw pɔtee bɛn na nguamansɛm de ba?

[Adaka wɔ kratafa 21]

Intanɛt So Nguamansɛm Ho Nokwasɛm

◼ Intanɛt so nguamansɛm bɛyɛ ɔha mu 75 fii ase wɔ United States. Bɛyɛ ɔha mu 15 nso fii ase wɔ Europa.

◼ Wobu akontaa sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 70 na dapɛn biara wɔsra Intanɛt so mmeae a nguamansɛm wɔ no. Wɔn a wɔde di dwuma no mu bɛyɛ ɔpepem 20 na wɔwɔ Canada ne United States.

◼ Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ nnansa yi ara, ɔsram biako ntam no, Germany na enyaa nnipadɔm a wɔsen biara a wɔhwɛɛ intanɛt so nguamansɛm wɔ Europa, na aman a wodi hɔ ne Great Britain, France, Italy, ne Spain.

◼ Wɔ Germany no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔn a wɔhwɛ nguamansɛm wɔ Intanɛt so no sɛe simma 70 ɔsram biara de hwɛ mmeae a nguamansɛm wɔ no.

◼ Ɛdefa Europafo a wɔhwɛ Intanɛt so nguamansɛm ho no, wɔn a wɔboro mfe 50 no na wɔsɛe bere kɛse wɔ mmeae a wɔda nna ho nneɛma adi.

◼ Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, nkyereso a ɛba mmeae a wɔhwɛ Intanɛt so nguamansɛm no mu ɔha mu 70 ba wɔ da no mu.

◼ Ebinom bu akontaa sɛ Intanɛt so mmeae 100,000 na woyi mmofra nguamansɛm ho nneɛma kyerɛ.

◼ Intanɛt so nguamansɛm ho aguadi a ɛfa mmofra ho mu ɔha mu 80 fii ase wɔ Japan.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Nguamansɛm abɛyɛ ade a abu so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena