Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 8/1 kr. 3-7
  • Aguamansɛm​—Ɛyɛ Agoru Anaa Ɛyɛ Hu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aguamansɛm​—Ɛyɛ Agoru Anaa Ɛyɛ Hu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ obi hwɛ aguamansɛm a, ɛyɛ no dɛn?
  • Sɛ obi hwɛ aguamansɛm a, ɛyɛ n’abusua dɛn?
  • Dɛn na Bible ka fa aguamansɛm ho?
  • Ɔhaw a Nguamansɛm De Ba
    Nyan!—2003
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wopo Ponografi?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Aguamansɛm a Wɔhwɛ
    Nyan!—2013
  • Dɛn Nti na Nguamansɛm Abu so Saa?
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 8/1 kr. 3-7

ASƐM A ƐDA SO

Aguamansɛm​—Ɛyɛ Agoru Anaa Ɛyɛ Hu?

Sɛ yɛhwɛ wiase yi mu a, aguamansɛma ahyɛ mu ma. Yehu bi wɔ aguadi nkrato mu, nneɛma a aba so foforo, sini, nnwom, nhoma, television, video so agodie, abɛɛfo mobile fon ne kɔmputa ne Intanɛt dwumadibea ahorow. Afei nso wɔayɛ Intanɛt dwumadibea bi a obiara betumi de mfonini afa hɔ akɔma nkurɔfo, na ɛhɔ nso, aguamansɛm nyɛ na wɔ hɔ. Aguamansɛm ayɛ fene a aba so, na nnipa bebree agye atom. Seesei mmeae pii wɔ hɔ a, nnipa a wɔhwɛ aguamansɛm no redɔɔso sen kan no koraa.—Hwɛ adaka a wɔato din “Aguamansɛm—Nea Ɛwom a Ɛsɛ sɛ Obiara Hu.”

Sɛnea aguamansɛm te no nso resesa. Ɔbenfo Gail Dines kyerɛw asɛm bi sɛ: “Mfonini a wɔyɛ no nnɛ no kɔ akyiri paa ma aguamansɛm a na wohuu bi da no, seesei abu so ama obiara tumi hwɛ bi.”

Nea ɛrekɔ so nnɛ no, wuhu no sɛn? Aguamansɛm yɛ agoru anaa ɛyɛ hu, anaasɛ ɛnyɛ emu biara? Yesu kae sɛ: “Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne biara sow aba bɔne.” (Mateo 7:17) Aba bɛn na aguamansɛm sow? Nea ɛbɛma yɛanya mmuae no, momma yɛnhwɛ nsɛmmisa mmiɛnsa bi a ɛfa aguamansɛm ho.

Sɛ obi hwɛ aguamansɛm a, ɛyɛ no dɛn?

NEA ANIMDEFO AKA: Aguamansɛm tumi de nipa yɛ akoa; wanhwɛ bi a ontumi ntena. Nhwehwɛmufo bi mpo kyerɛ sɛ ɛte sɛ cocaine a ano yɛ den paa.

Brianb yɛ obi a Intanɛt so aguamansɛm soo ne nan sɛ afiri. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Ná biribiara ntumi mma minnyae. Ɛyɛɛ sɛ nea biribi atɔ me so. Me ho wosowee na me ti yɛɛ me yaw. Meyɛɛ biara sɛ megyae nanso mfe pii akyi mpo no, na mintumi nnyaee.”

Nnipa a wɔhwɛ aguamansɛm no, ɛyɛ a wɔtaa yɛ sie. Wunhu wɔn tirim asɛm na wɔyɛ nkontompofo. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn mu bebree yɛ ankonam na aniwu rekum wɔn. Afei nso adwennwene ne kɔdaanna hyɛ wɔn so na daa na wɔn bo afuw. Ɛtɔ da bi mpo a, ɛba wɔn mu sɛ wonkum wɔn ho. Serge yɛ obi a na ɔtwe aguamansɛm gu ne mobile fon so hwɛ. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Mekoo me ho yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ. Metee nka sɛ meyɛ hohwini. Me tiboa buu me fɔ; meyɛɛ ankonam, na na me ho akam. Ná ɛyɛ me aniwu na na misuro sɛ mɛma obi aboa me.”

Sɛ yɛn ani kɔbɔ aguamansɛm so anaa ɛho mframa mpo fa yɛn ho a, ebetumi de nsunsuanso bɔne aba. Ɔbenfo Judith Reisman yɛ obi a ɔyɛ aguamansɛm mu nhwehwɛmu paa. Odii adanse wɔ U.S. mmarahyɛ bagua no anim sɛ aguamansɛm tumi de nsunsuanso bɔne ba ampa. Ɔkae sɛ: “Aguamansɛm ho mfonini ka nnipa adwenem; etumi sie amemene no mu, na ɛba onipa no tirim prɛko pɛ; ne popa yɛ den na ɛtɔ da mpo a oyi fi ne tirim a ɛnyɛ yiye.” Susan nso yɛ obi a na ɔkɔ Intanɛt so kɔhwɛ aguamansɛm. Seesei wadi mfe 19 na asɛm a ɔka ne sɛ: “Mfonini no aka m’adwenem. Etumi ba me tirim bere biara a ɛpɛ. Ɛyɛ me sɛ ɛremfi m’adwenem da.”

NEA ƐWOM NI: Aguamansɛm de nnipa yɛ akoa, na edi wɔn awu.​—2 Petro 2:19.

Sɛ obi hwɛ aguamansɛm a, ɛyɛ n’abusua dɛn?

NEA ANIMDEFO AKA: “Aguamansɛm tumi sɛe aware, na ɛtetew abusua mu.”​—The Porn Trap, nhoma a Wendy ne Larry Maltz kyerɛwee.

Aguamansɛm betumi asɛe aware ne abusua, efisɛ

  • Ɛmma awarefo nnye wɔn ho nni, ɛsɛe nna mu nkitahodi, na ɛma ɔdɔ no yera.​—Mmebusɛm 2:12-17.

  • Ɛma obi dwene ɔno nko ara ho, ɔko ne ho, na nea ne hokafo bɛyɛ biara nyɛ no fɛ.​—Efesofo 5:28, 29.

  • Ɛma obi dwen ɔbarima ne ɔbea nna ho, na akɔnnɔ bɔne ba ne tirim.​—2 Petro 2:14.

  • Wɔn a wɔhwɛ no, etumi ma wɔhyɛ wɔn ahokafo ma wɔyɛ nna mu nneyɛe bi a ɛmfata.​—Efesofo 5:3, 4.

  • Ɛma obi sɛe aware wɔ ne komam anaa ɔbɔ aguaman de sɛe aware no.​—Mateo 5:28.

Bible ka kyerɛ awarefo sɛ ɛnsɛ sɛ wotwa wɔn hokafo “nkontompo.” (Malaki 2:16) Sɛ obi sɛe aware a, ɛkyerɛ sɛ watwa ne hokafo nkontompo, na ebetumi ama aware no agyigya akɔfa aware ntetewmu anaa awaregyae aba. Sɛ ɛba saa a, etumi haw mmofra a wɔawo wɔn no paa.

Sɛ mmofra nso hwɛ aguamansɛm a, etumi haw wɔn. Brian a yɛaka n’asɛm dedaw no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere bi a meredi agoru no, mikohuu me papa nhoma bi a aguamansɛm wom. Saa bere no, na madi mfe du. Miwiaa me ho hwɛɛ no nkakrankakra nanso na minnim nea enti a ne hwɛ yɛ me dɛ saa. Efi saa bere no, mehwɛɛ saa adebɔne no ara de nyinii.” Nhwehwɛmu a wɔayɛ kyerɛ sɛ mmofra a wɔrenyin no, aguamansɛm betumi ama ɔbaa ne ɔbarima nna ho akɔnnɔ aba wɔn mu ntɛm. Ebetumi ama wɔabu bra bɔne, ato mmonnaa ayɛ nea ɛbɛba wɔn mu biara, na ebetumi aka wɔn adwene.

NEA ƐWOM NI: Aguamansɛm tumi sɛe adɔfo ntam, na nea ɛde ba ara ne awerɛhow ne yawdi.​—Mmebusɛm 6:27.

Dɛn na Bible ka fa aguamansɛm ho?

ONYANKOPƆN ASƐM SE: “Enti, munkum mo nipadua akwaa . . . wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho.”​—Kolosefo 3:5.

Nea ɛwom ara ne sɛ Yehowac Nyankopɔn kyi aguamansɛm. Ɛnyɛ sɛ ɔmpɛ nna ho asɛm biara atie ntia. Ɔno na ɔbɔɔ nna ho akwaa, na adwene a ɔde bɔe ne sɛ ɛbɛma awarefo ani agye na obiara apɛ ne yɔnko asɛm na afei nso wɔatumi awo mma aba wiase.​—Yakobo 1:17.

Ɛnde, adɛn nti na yetumi ka sɛ Yehowa ani nnye aguamansɛm ho koraa? Nea enti a ɛte saa no, ma yɛnhwɛ emu kakra nhwɛ.

  • Onim sɛ aguamansɛm betumi adi yɛn awu.​—Efesofo 4:17-19.

  • Ɔdɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban na ɔhaw biara anto yɛn.​—Yesaia 48:17, 18.

  • Yehowa pɛ sɛ ɔbɔ awarefo ne mmusua ho ban.​—Mateo 19:4-6.

  • Ɔpɛ sɛ yɛbɔ bra a ɛho tew, na yɛanyɛ nneɛma a ɛbɛhaw nkurɔfo.​—1 Tesalonikafo 4:3-6.

  • Akwaa a Onyankopɔn de ama yɛn a etumi ma yɛwo no, ɔpɛ sɛ yɛn ani ku ho, na yɛde yɛ adwuma nidi mu.​—Hebrifo 13:4.

  • Yehowa nim sɛ aguamansɛm betumi asɛe yɛn adwene wɔ nna ho; ɛbɛma yɛayɛ pɛsɛmenkominya, na ɛbɛma yɛanya Satan adwene wɔ ho.​—Genesis 6:2; Yuda 6, 7.

NEA ƐWOM NI: Aguamansɛm tumi sɛe onipa ne Onyankopɔn ayɔnkofa.​—Romafo 1:24.

Nanso wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtetew wɔn ho fi aguamansɛm ho no, Yehowa hu wɔn mmɔbɔ paa. Bible ka sɛ: “Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, ne bo kyɛ fuw na n’adɔe dɔɔso.Onim yɛn nipaban; ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:8, 14) Ɔpɛ sɛ ahobrɛasefo ba ne nkyɛn ‘benya mmɔborɔhunu na wohu adom a ɛbɛboa wɔn bere a ɛsɛ mu.’​—Hebrifo 4:16; hwɛ adaka a wɔato din “Wubetumi Atetew Wo Ho Afi Aguamansɛm Ho.”

Nnipa bebree apene so ama Onyankopɔn aboa wɔn. Mmoa a ɔde ma no, wohwɛ a, etumi yɛ adwuma? Ebinom a wotumi gyaee subammɔne no, hwɛ nea Bible ka faa wɔn ho: “Wɔaguare mo kama, wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem yɛn Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.” (1 Korintofo 6:11) Saa nnipa yi betumi aka asɛm a ɔsomafo Paulo kae no bi sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.”​—Filipifo 4:13.

Susan tumi tetew ne ho fii aguamansɛm ho, na ɔka sɛ: “Yehowa nko ara na obetumi aboa wo ama watetew wo ho. Sɛ woma no boa wo, na wugye n’akwankyerɛ tom a, wo ho bɛtew wɔ n’anim. Ɔremma wo nsa nsi fam da.”

Wubetumi Atetew Wo Ho Afi Aguamansɛm Ho

Wunim obi a ɔrepere sɛ ɔbɛtetew ne ho afi aguamansɛm ho? Ma yɛnhwɛ nneɛma bi a aboa nnipa pii ama wɔatumi atetew wɔn ho.

1. Bɔ mpae kyerɛ Onyankopɔn.

“Sɛ wopɛ sɛ wotetew wo ho fi aguamansɛm ho a, anammɔn a ehia paa sɛ wutu ne sɛ wobɛbɔ mpae ama Yehowa aboa wo.”​—Franz.

Yehowa betumi ama onipa ko no honhom kronkron, na wahyɛ no den ama ‘wanya ɔpɛ no na wayɛ nso.’ (Filipifo 2:13) Enti sɛ onii no de honhom no akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɛbɛboa no ama wadi “ɔhonam akɔnnɔ ne n’apɛde” so.​—Galatifo 5:16, 24.

2. Ma ebinom mmoa wo.

“Sɛ wohwɛ aguamansɛm ma ɛka wo hɔ a, ɛyɛ aniwu na ɛyɛ a wompɛ sɛ obiara behu; ɛno nti ɛbɛyɛ wo sɛ worentumi nka nkyerɛ obiara sɛ ɔmmoa wo. Ɛyɛ wo sɛ wo ara wubetumi agyae. Nanso ɛnyɛ nokware. Sɛ wubetumi agyae a, gye sɛ obi boa wo. Enti mede fɛre ne aniwu too nkyɛn kaa ho asɛm kyerɛɛ me yere. Afei nso memaa m’adamfo paa bi boaa me. Ade a ɛyɛ den paa a mayɛ pɛn ne no, nanso ɛboaa me ma me nsa kaa nea merehwehwɛ.”​—Yoshi.

Ehia akokoduru ne animia na woatumi aka ho asɛm akyerɛ obi. Nanso sɛ wubetumi atetew wo ho afi aguamansɛm ho na wo ne w’adɔfo ntam asan ayɛ kama a, gye sɛ wutu saa anammɔn no. Susan a yɛadi kan aka n’asɛm no kaa asɛm bi sɛ: “Ɛno akyi no, mihui sɛ me ho atɔ me paa. Ná ɛyɛ den ma me saa bere no, nanso minyaa asomdwoe ne ahonim pa.”​—Yakobo 5:16.

3. Hu nneɛma a ɛkɔfa ba na kwati.

Tebea, adwennwen anaa atenka bɛn na ɛkɔfa akɔnnɔ bɔne no ba? Ɛyɛ Intanɛt so akyinkyinakyinkyin? Dasu mu TV hwɛ? Nhoma bi akenkan? Mpoano kɔ? Ɔkɔm, abufuw, ankonamyɛ, anaa ɔbrɛ? Sven ka sɛ: “Hu nneɛma a etumi twetwe wo no na kwati no sɛ atantanne.” Yesu kae sɛ: “Sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene.”​—Mateo 5:29.

Franz ka sɛ: “Sɛ ɛba me mu sɛ menhwɛ ɔbea nhwɛ bɔne a, ɛhɔ ara na mabɔ Yehowa mpae ayi m’ani afi hɔ.” Tete agya nokwafo Hiob a ne ho asɛm wɔ Bible mu no kae sɛ: “Apam na me ne m’aniwa ayɛ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi de m’adwene akɔ ɔbaabun so?”​—Hiob 31:1.

4. Hyɛ wo ne Onyankopɔn ayɔnkofa mu den.

Franz toaa n’asɛm no so sɛ: “Dwen nneɛma pa ho, na dwumadi biara a ɛfa Onyankopɔn som ho no, fa wo ho hyɛ mu.”

Bible ka sɛ: “Biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi no, monkɔ so nsusuw saa nneɛma yi ho . . . , na asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.”​—Filipifo 4:8, 9.

a “Aguamansɛm” yɛ mmarima ne mmea a wɔabɔ adagyaw anaasɛ wɔreda anaa wɔremiamia wɔn ho. Wotumi twa no mfonini, wɔkyerɛw ho nsɛm anaa wɔbɔ ho nsɛm tie. Wɔayeyɛ saa nneɛma no sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔbɛhwɛ ho mfonini anaa ɔbɛkenkan ho biribi anaa obetie ho asɛm no, ɛbɛma akɔnnɔ bɔne aba ne mu.

b Wɔasesa edin a ɛwɔ asɛm yi mu no.

c Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

AGUAMANSƐM​—NEA ƐWOM A ƐSƐ SƐ OBIARA HU

ANIBU BIARA: Nnipa bɛyɛ 30,000 na wɔkɔ Intanɛt dwumadibea a aguamansɛm wɔ.

SIMMA BIARA: Nnipa a wɔkɔ Intanɛt so no, wɔde e-mail bɛboro ƆPEPEM 1.7 a aguamansɛm wom kɔma nkurɔfo.

DƆNHWEREW BIARA: Woyi aguamansɛm ho mfonini video bɛyɛ ƆPEPEM ABIEN adi wɔ United States.

DA BIARA DA: United States nko ara no, aguamansɛm ho video bɛyɛ ƆPEPEM ABIEN na nkurɔfo gye kɔhwɛ.

BOSOME BIARA: Sɛ wokɔ United States a, mmerante 10 biara no, emu 9 hwɛ aguamansɛm, na sɛ yeyi mmabaa 10 biara nso a, emu 3 na wɔhwɛ aguamansɛm.

AFE BIARA: Nnwumakuw a ɛyɛ aguamansɛm no nya sika bɛyɛ Amerika DƆLA ƆPEPEPEM 100.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena