Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ November mu
“Wususuw sɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobetie Onyankopɔn no wɔ anigye kɛse sen afoforo? [Twɛn ma ommua.] Asɛm bi a ɛyɛ anigye wɔ nsɛmma nhoma yi mu.” Afei fa November 1 Watchtower no bi ma ofiewura no, na wo ne no nkenkan asɛm a ɛwɔ nsɛmti nketewa a ɛwɔ kratafa 16 ne 17 ase no mu biako na munsusuw ho. Kenkan kyerɛw nsɛm biako anaa nea ɛboro saa. Fa nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe ne no nkosusuw nsɛmmisa a aka no bi ho.
The Watchtower November 1
“Ebinom te nka sɛ mmara a ɛwɔ Bible mu a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho no yɛ katee dodo na ne bere atwam. Afoforo nso gye nea Bible ka no tom. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ baabi a Bible nnyinasosɛm a wɔaka ho asɛm yi fi no nsow. [Kenkan 2 Timoteo 3:16.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu sɛnea Bible bua nsɛm du a nkurɔfo taa bisa fa ɔbarima ne ɔbea nna ho. Ɛsan nso kyerɛkyerɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm boa yɛn no mu.”
Awake! November
“Sɛ yegye bere hwɛ abɔde a atwa yɛn ho ahyia yiye a, dɛn na ɛba yɛn adwenem—so ɛma yenya adwene bi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ anaasɛ ne nyinaa bae ara kwa? [Twɛn ma ommua.] Bere a Bible kyerɛwfo bi hwɛɛ amansan yi no, tie asɛm a ɔkae. [Kenkan Romafo 1:20.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea nyansahufo ahu afa nnipa nkwaboaa ho a esi asɛm yi so dua.”