Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ April mu
“Yɛrehyɛ yɛn nnamfonom nkuran ma wɔakenkan wɔn Bible. Nanso nnipa pii wɔ adwene bi sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛte Bible no ase. Wo nso wuhu no dɛn? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ asɛm a wɔaka wɔ ha yi.” Fa asɛm a ɛwɔ April 1, Ɔwɛn-Aban no akyi kyerɛ no, na munsusuw nkyekyɛm a edi kan ne kyerɛwsɛm biako ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower April 1
“Ɛkame ayɛ sɛ obiara a yɛne no abɔ nkɔmmɔ no hyia ɔhaw ahorow. Eyi ama ebinom nhu nea enti a yɛte ase. Wohwɛ a, dɛn paa na ama nnipa nni anigye nnɛ? [Twɛn ma ommua.] Bible ma yenya anidaso sɛ ɛrenkyɛ, Onyankopɔn beyi yɛn haw nyinaa afi hɔ. [Kenkan Adiyisɛm 21:4.] Nsɛmma nhoma yi ka nea yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛba daakye ne ɔkwan a yɛbɛfa so anya asetena a abotɔyam wom mprempren ho asɛm.”
Awake! April
“Basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ afie mu yɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase baabiara. Ebinom ka sɛ obi amammerɛ, abusua a ofi mu, ne anigyede a ɛhyɛ basabasayɛ ho nkuran na akɔfa eyinom nyinaa aba. Wususuw sɛ dɛn paa na ɛde basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ afie mu no ba? [Twɛn ma ommua.] Bible no ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere tena. [Kenkan Efesofo 5:33.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu sɛnea ebinom de Bible afotu ayɛ adwuma ma wɔn aware asɔ.”