Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma March ne April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ebetumi aboa onipa no yiye a, momfa biako mma no na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. May ne June: Momfa nkratawa a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu a mowɔ bi wɔ hɔ no mma. Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako nkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua.
◼ Yɛbɛyɛ afe yi Nkaedi no Benada, March 26, 2013. Sɛ Benada na moyɛ asafo nhyiam a, ɛsɛ sɛ mode hyɛ da foforo wɔ dapɛn no mu a mubenya kwan wɔ Ahenni Asa no so. Sɛ morennya da foforo mfa nhyɛ hɔ na Ɔsom Nhyiam dwumadi no bɛka mu a, ɛnde mpanyimfo ntam nkitahodifo no betumi de Ɔsom Nhyiam no afã a ɛfa mo asafo no ho aka Ɔsom Nhyiam foforo dwumadi ho wɔ ɔsram no mu. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra asafo bi dapɛn no mu a, wobetumi atu adesua a anka wɔbɛyɛ no Benada no ahyɛ da foforo wɔ dapɛn no mu.
◼ Asafo ahorow pii asɛnka akontaabu ka akyi. Sɛ adawurubɔfo de wɔn asɛnka akontaabu ma ntɛm a, yɛn ani sɔ paa. Yɛrekae asafo mu akyerɛwfo sɛ ɔsram biara wɔmfa nkontaabu a nea ɛkaa akyi nyinaa ka ho (a ebia wɔde fa posɔfese, Intanɛt dwumadibea a ɛne jw.org, anaa fax nɔma [030-2712454] so) no mmena ntɛm.