Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase April 1
DAPƐN A EFI ASE APRIL 1
Dwom 38 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 7 ¶7-13 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Luka 7-9 (Simma 10)
No. 1: Luka 7:18-35 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ɔman Foforo Bɛn na Wɔwoo no Pentekoste Da no, na Atirimpɔw Bɛn Ntia?—Gal. 6:16; 1 Pet. 2:9 (Simma 5)
No. 3: Ɛhe na Kain Nyaa ne Yere?—w10 9/1-E kr. 25 asakra nea ɛwɔ rs-E kr. 301 ¶5–kr. 302 ¶1 no mu (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ April Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye nsɛmma nhoma no ho kyerɛ. Afei, gyina Ɔwɛn-Aban no anim asɛm no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Nyan! no nso di dwuma saa ara, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Fa Afe 2013 Yearbook no Di Dwuma Yiye. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Munsusuw “A Letter From the Governing Body” no ho. Di kan ne atiefo no bi nyɛ nhyehyɛe ma wɔnka osuahu ahorow a ɛwɔ Yearbook no mu bi a ɛhyɛ nkuran nkyerɛ. Ma atiefo nka wiase nyinaa amanneɛbɔ afã horow a ɛhyɛ nkuran paa no ho asɛm. Sɛ worebewie a, hyɛ anuanom nyinaa nkuran ma wɔnkenkan Yearbook no nyinaa.
Dwom 75 ne Mpaebɔ