Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Ɔwɛn-Aban kra. Sɛ wuhu obi a n’ani gye ho a, wubetumi ama wakra no afe biako na watua ₵1,800. Nea wɔkra no asram asia, anaasɛ nea ɛba ɔsram biara a wɔkra no afe biako no yɛ ₵900. July: Mankind’s Search for God. August: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu June 1 anaasɛ wɔ ɛno akyi pɛɛ.
◼ Wɔrema asafo ahorow no ahu sɛ sɛ wɔn nsɛmma nhoma ho ka so sen nsɛmma nhoma a wogye wɔ ɔsram biako mu no ho sika mpɛn anan a, ɛnde na yebu no sɛ wɔabɔ ka. Asafo ahorow a ɛte saa no rentumi nkra nsɛmma nhoma no bi nka nea wogye no ho, gye sɛ wotua sika a ɛsɔ ani de tew wɔn ka no so.
◼ Ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, asafo ahorow a wɔreyɛ nhyehyɛe abɛsra Betel sɛ kuw no di kan kyerɛw yɛn adapɛn abien ansa na wɔaba. Monka nnipa dodow a wɔbɛba ne bere a mohwɛ kwan sɛ mubedu Betel nkyerɛ yɛn. Yɛsrɛ sɛ monkae sɛ wobue Betel wɔ dapɛn no mu fi anɔpa 8:00 kosi awia 12, ne fi awia 1:00 kosi anwummere 5:00, ne Memeneda fi anɔpa 8:00 kosi awia 12. Nkurɔfo a wodi wɔn anim de wɔn kyin Betel hwɛ hɔ no gye bɛyɛ dɔnhwerew biako. Enti munnu hɔ bere pa mu na ama yɛatumi de mo akyin ahwɛ hɔ wɔ bere a yɛyɛ adwuma no mu. Ɛho nhia sɛ ankorankoro ne mmusua di kan bɔ yɛn amanneɛ ansa na wɔaba Betel abɛhwɛ hɔ.
◼ Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhyehyɛe ma asafo ahorow no nya anwummere adansedi mu kyɛfa. Wɔhyɛ adapɛn mfinimfini adansedi nso ho nkuran sɛ nhyehyɛe a ɛsɛ sɛ ɛtra asafo no mu daa.
◼ Yɛrebɔ amanneɛ sɛ afei Asafo ti no wɔ New World Translation Bible no wɔ komputa so. Wɔn a wɔpɛ sɛ wohu ho nsɛm pii no nhwɛ Engiresi kasa mu Yɛn Ahenni Som no mu.
◼ Ɛsɛ sɛ wɔma wohu Ahenni Asa ahorow yiye, te sɛ kyerɛw a wɔbɛkyerɛw abɔ hɔ, ne nea ɛkeka ho, sɛ: Yehowa Adansefo Ahenni Asa. Afei wobetumi akyerɛw mmere a asafo ahorow a wɔde Asa no di dwuma no hyia atoa so.
◼Nhoma Foforo a Ɛwɔ Hɔ:
Engiresi: The Bible—God’s or Man’s?; All Scripture Is Inspired of God and Beneficial (1990 de). Ewe, Ga, ne Twi: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
◼Nhoma a Ebi Asan Aba Bio:
Engiresi: Insight on the Scriptures; Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So (ɛyɛ nketewa ne Engiresi kasa mu de); Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa (Nnwom nhoma nketewa)