Yehowa Adansefo 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam
1 Nhyiam horow ayɛ Yehowa asomfo asetra fã fi bere tenten. Na tete Israelfo ɔhaha ne mpempem pii hyiam wɔ mmere atitiriw mu wɔ afe no mu di afahyɛ horow, anaasɛ wɔyɛ “nhyia kronkron.” (Lev. 23:1-36) Nhyiam horow a ɛka koma yi ma wonyaa hokwan som Yehowa Nyankopɔn, wɔne ne nkurɔfo dɔm kɛse bɔɔ fekuw, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Nhyiam horow a wɔyɛ nnɛ ma wonya saa hokwan no bi, na Onyankopɔn nkurɔfo ɔpepem pii nya mu anigye. Akyinnye biara nni ho sɛ mo mu fã kɛse no ara nyaa nhyira horow a nnipa 100,171 a wɔkɔɔ “Wɔn a Wɔpɛ Onyankopɔn Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam horow titiriw a wɔyɛe wɔ ɔman no mu nyinaa wɔ December ne January a etwaam no mu no nyae no bi. Mo mu binom nso dii ahurusi sɛ na wɔka nnipa 842 a wɔbɔɔ wɔn asu no ho. Afei bere aso sɛ yefi ase siesie yɛn ho na yɛakɔ nnansa nhyiam foforo a ɛyɛ anigye—1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no. So wo ne w’abusua bɛkɔ bi?—Deut. 31:12.
2 Wɔrehyehyɛ dwumadi no na adi Onyankopɔn nkurɔfo, a wɔka nokware no kyerɛ sɛ hann kurafo wɔ wiase nyinaa no ahiade ahorow ho dwuma. Wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei nna bɔne yi mu no, yehia nkuranhyɛ ne nsɛm a ɛbɛkanyan yɛn a yebenya afi kɔ a yɛbɛkɔ nhyiam no ase akogye honhom mu nhyira bebree a wɔde bɛma yɛn wɔ hɔ no mu. Hwɛ hu sɛ wode boasetɔ ne mpaebɔ bɛyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe, na ama woatumi akotie nnansa honhom mu dwumadi dɛdɛ no nyinaa afi dwom a wɔde bebue ano no so akosi mpaebɔ a wɔde bewie no so. Fi ɔdɔ mu fa wɔn a ebia wobehia mmoa, ne titiriw afoforofo, ka wo nhyehyɛe ho, na ama wɔn nso atumi abetie dwumadi no nyinaa. (Gal. 6:10) Yebefi dwumadi no ase Fida anɔpa 9:50, na yɛapɔn anwummere 5:00. Yebefi Memeneda dwumadi no ase anɔpa 9:00, na yɛde dwom ne mpaebɔ apɔn anwummere 5:00. Yebefi Kwasida dwumadi no ase anɔpa 9:00, na yɛapɔn bɛyɛ anwummere 4:30. Amanneɛbɔ a edi so no bɛboa wo wɔ w’ahosiesie no mu.
3 FAAKO A WOBƐKƆ: Wɔakyerɛ sɛ ɔmansin biara, anaasɛ faako a ehia no, ne fã bi, nkɔ ɔmantam nhyiam a ɛbɛn wɔn sen biara no. Wɔaka eyi ho asɛm wɔ krataa yi kratafa 6. Nkongua, nhoma, aduan, dabere ne nea ɛkeka ho a ɛdɔɔso a yebenya no gyina adwene a ɛne sɛ adawurubɔfo no mu fã kɛse no ara bɛkɔ nhyiam no wɔ faako a wɔkyerɛ sɛ wɔn asafo no nkɔ no so. Enti, wɔhyɛ asafo ahorow nyinaa sɛ wonni nhyehyɛe a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no so. Nkuropɔn mu asafo ahorow titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa.
4 Sɛ wɔyɛ kasa koro mu nhyiam abien ho nhyehyɛe wɔ kuropɔn bi mu wɔ adapɛn awiei a ɛtoatoa so no mu a, ebia anuanom binom bɛpɛ sɛ wɔkɔ n’abien nyinaa. Ɛwom sɛ saayɛ betumi ama wɔanya hokwan ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse de, nanso ɛma ɔhaw ahorow sɔre wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛmma atirimpɔw a yɛwɔ sɛ yɛbɛma nnipa a wɔbɛba nhyiam no dodow ayɛ nea ɛsɛ, na yɛnam saayɛ so ama adwuma a edi nhyiam anim no so atew no nyɛ hɔ. Enti, yɛsrɛ sɛ nkuropɔn mu anuanom nkɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ no nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛto so abien wɔ kurow foforo mu a, ɛrenhaw yɛn. Ebia wɔbɛpaw anuanom binom sɛ wɔnyɛ nhyiam no ho adwuma bi a egye ntɛmpɛ, ma enti ebia dwumadi no afã horow bɛpa wɔn ti so. Wɔma saafo no kwan sɛ wobetumi akɔ nhyiam a ɛto so abien no wɔ kuropɔn koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa no a anuanom binom nte nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu, a ɛnyɛ nea wɔkyerɛ sɛ wɔn asafo no nkɔ wom no mu a, wɔbɛma eyi ho kwan.
5 Wɔ nkuraa ase asafo ahorow fam no, ebia nneɛma te sɛ kasa, lɔre a wobenya, ne ɔkwan no tenten bɛma ayɛ nea eye kɛse sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ baabi foforo a ɛnyɛ faako a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Sɛ nhwɛso no, ebia Kasoa ne Nyanyanu Asafo ahorow no bɛpɛ sɛ wɔkɔ Accra “B” anaasɛ Accra “C” nhyiam no sen sɛ wɔbɛkɔ Cape Coast. Saa ara nso na ɛwom sɛ wɔkyerɛ sɛ amansin 3A ne 13 mu asafo ahorow no nkɔ nhyiam no wɔ Accra de, nanso ebia ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse ama ebinom sɛ wɔbɛkɔ Koforidua nhyiam no. Saa asafo ahorow no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Enti sɛ asafo bi si gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam foforo a ɛnyɛ nea wɔkyerɛe sɛ wɔnkɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔmansin sohwɛfo no amanneɛ, na amma wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsra wɔn wɔ dapɛn a wɔbɛkɔ nhyiam no mu.
6 DABERE: Yɛde Adammisa nkratasin remana asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ wɔn a wɔyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ Adammisa kratasin no na fa mana faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ SƐ wɔde Adammisa nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa afoforo biara mana baa dwumadibea no wɔ Accra.
7 TAMALE NHYIAM: Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ anuanom de bere tiaa bi siesie wɔn ho de, nanso Anafo ha anuanom pii bɔɔ mmɔden a ɛfata nkamfo ma wɔkɔɔ “Wɔn a Wɔpɛ Onyankopɔn Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam no wɔ Bolgatanga. Ebinom nam Asafo ti bɔs nhyehyɛe titiriw no so na ɛkɔe, na afoforo nso yɛɛ wɔn ankasa lɔre ho nhyehyɛe. Esiane sɛ mmoa ho hia fi Anafo ha nti, Asafo ti no bɛyɛ Tamale nhyiam no ho bɔs ho nhyehyɛe titiriw sɛnea wɔyɛ daa no. Asafo ahorow no bɛte nhyehyɛe no ho asɛm wɔ bere a ɛsɛ mu. Ansa na saa bere no bedu no, yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ no nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mfi saa bere yi.
8 ADWUMA A EDI NHYIAM ANIM: Esiane nkɔanim kɛse a Yehowa ama aba wɔ nsa a woyi fii yɛn dwumadi so no akyi no nti, yɛhwɛ kwan sɛ nnipa pii bɛba nhyiam horow no wɔ afe yi mu. Sɛnea ɛdaa adi wɔ yɛn ho a yesiesie maa “Wɔn a Wɔpɛ Onyankopɔn Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam horow no mu no, yɛwɔ ahotoso sɛ mubefi mo koma nyinaa mu aboa adwuma a edi nhyiam no anim no. Yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne ade, sɛnea yɛyɛ daa no. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monyɛ nhyehyɛe na moanya eyi ne adwuma a wotu ho ma yɛ wɔ nhyiam a mobɛkɔ no ase no nso mu kyɛfa.
9 ADUANNOA: Yɛbɛnoa nnuan pa a ɛho adwumayɛ nyɛ den de adi ɔkwantiaa so aduannoa ho nhyehyɛe no so. Asafo ti no ani sɔ mmoa a mode mae wɔ nhyiam horow a atwam no ase no, na wɔhyɛ mo nkuran sɛ monkɔ so ntɔ honam fam nnuan a wɔde bɛma wɔ beae a wɔnoa aduan no nni.
10 NHYIAM BADGE NE NEA WƆDE HYEM: Wɔde kratasin titiriw bi remana asafo biara na wɔde akra nneɛma atitiriw a wɔde bedi dwuma wɔ 1993 ɔsom afe no mu. Ɔkwan da kratasin yi so a wɔde bɛkra “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ho lapel badge ne rɔba a wɔde hyem no. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ nhu sɛ mobɛhyehyɛ kratasin no, na momfa biako mmrɛ Asafo ti no ntɛm ara na ama wɔadi mo nhyiam no ho nneɛma ho dwuma wɔ bere pa mu. Momma ɛntra mo adwene mo sɛ wɔrentɔn lapel badge ne nea wɔde hyem no wɔ nhyiam horow no ase.
11 AHIADE ATITIRIW: Ɛsɛ ɛsɛ wɔyɛ nsiesiei yi ma adawurubɔfo a wɔyɛ nhwɛso pa, ne wɔn mma a wɔnyɛ basabasa a asafo no mu ɔsom boayikuw gye wɔn tom no. Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn a wɔwɔ ahiade titiriw wom no na wɔyɛ nhyehyɛe de hwɛ saafo. Mpanyimfo ne afoforo a wonim tebea a onii no wom no betumi afi ɔdɔ mu aboa no. Eyi taa hwehwɛ sɛ adawurubɔfo dwen wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, anifuraefo, asotifo, ne ebia afoforo ho. Adawurubɔfo betumi aboa denam saafo a wɔde wɔn bɛka wɔn kuw ho, anaasɛ wobedi wɔn ahiade ho dwuma wɔ akwan afoforo so no so. (Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18) Sɛ saafo a wɔwɔ ahiade atitiriw no behia dabere wɔ baabi a ɛbɛn nhyiambea no a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ saa pefee wɔ Adammisa nkratasin no so. Yɛwɔ ahotoso sɛ mubefi ɔdɔ mu asusuw wɔn a wohia yɛn mmoa no nyinaa ho.—Yoh. 13:35; Gal. 6:10.
12 NNWOM: Nnwom a edidi so yi na wɔde ama sɛ yɛbɛto wɔ dwumadi no mu, na sɛnea ebedidi so no ni: 33, 91, 111, 38, 221, 217, 43, 128, 152, 177, 207, 201, 35, 89, 50, 168, 42, 45. Yɛhyɛ mo nkuran sɛ monto nnwom no bi bere a wɔde afiri bɔ wɔ nhyiam no ase no.
13 KASA A WƆKYERE GU AFIRI SO ANAASƐ VIDEO MFONINITWA: Sɛnea ɛte wɔ bere a atwam no mu no, Asafo ti no renyɛ dwumadi no anaa drama a wɔbɛkyere agu kasɛt anaa video so no ho nsiesiei biara. Ɛsɛ sɛ ankorankoro biara a wɔpɛ sɛ wɔkyere dwumadi no gu afiri so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase no adwene anaasɛ ɛrentwetwe wɔn adwene mfi dwumadi no so no so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde nsa ka anyinam nkanea nhama ne akasam nhama no. Yɛn ani bɛsɔ eyi so a mubedi no yiye.
14 AWIEI: Nokware no ho hann a Yehowa nam ne Ba, Yesu Kristo, so ayi adi no ama yɛanya atirimpɔw wɔ asetra mu, na adi atirimpɔw nti a wɔbɔɔ yɛn no ho dwuma, na ahyɛ yɛn Yɛfo, Yehowa Nyankopɔn, anuonyam. Yɛnam hann kurafo a yɛyɛ no so na yɛyɛ saa. Hann kurafo a yɛyɛ no yɛ nidi ne hokwan kɛse, nanso ɛyɛ asɛyɛde a anibere wom. Sɛ yebedi saa asɛyɛde no ho dwuma a, ehia sɛ yɛde mmoa a Yehowa de ma no nyinaa di dwuma. 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no de akwankyerɛ a ɛyɛ ne bere mu de, a ɛbɛma yɛadi yɛn asɛyɛde ahorow ho dwuma sɛ hann kurafo no bɛma. Enti, ɛho hia sɛ yefi yɛn nhyehyɛe horow ase fi saa bere yi, na yɛyɛ nhyehyɛe sɛ yebedu hɔ ansa na wɔato dwom a wɔde bue ano Fida, na yɛatra hɔ akosi sɛ wɔbɛbɔ mpae a yɛde bɛpɔn Kwasida awia no. Ɛmmra sɛ Yehowa bɛma nhyehyɛe a mo mu biara bɛyɛ sɛ ɔbɛba honhom mu apontow a ɛma yɛte nsɛm ase no ase ayɛ yiye.—Mat. 24:45-47.
[Kratafa 6 adaka]
1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam
Mmere ne Mmeae a Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ
MMERE KUROW KASA AMANSIN A ƐSƐ SƐ ƐKƆ
December 18-20 Accra “A” Ga 1, 3A, 25
Box 0190, Osu
Kumasi “A” Twi 7, 10, 31
Box 629
Cape Coast Twi/Fanti 11 fã bi (Foso
Box 258 mpɔtam hɔ), 18, 28,
31 fã bi (Twifu
Praso mpɔtam hɔ)
Nkawkaw Twi 9, 12A, 12B, 30
Box 67
December 25-27 Accra “B” Twi ne 2A, 2B, 33
English
Kumasi “B” Twi 11, 20, 22, 27
Ho Ewe ne Twi 4, 5A, 5B, 26 fã bi
Box 77 (Akosombo mpɔtam hɔ), 29
January 1-3, Accra “C” Twi ne Ewe 3B, 12B fã bi (Asafo
1993 ahorow a wɔka Ewe kasa),
13, 19, 26
Koforidua Twi 14, 15, 23
Box 192
Sunyani Twi 8, 21, 32
Box 75
Takoradi Twi/Fanti 16, 17A, 17B, 24
Box 0166
January 8-10 Tamale Twi 6A, 6B, ne afoforo
Box 128 a wobetumi akɔ nyinaa.