Ɔsom Nhyiam Ma August
Dapɛn a Efi Ase August 3
Dwom 123
10 min: Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata ne asafo mu nkaebɔ biara. Afei nso, si nsɛm a wɔka kyerɛ abien pɔtee bi a wobetumi aka bere a wɔde Ɔwɛn-Aban a aba foforo rema no so dua.
20 min: “Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa bi a ɛkyerɛ sɛnea wɔde nhoma no ma. Si sɛnea ehia sɛ wobehu nhoma no mu nsɛm so dua, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya wɔn ankasa de ne nea wɔde bɛma.
15 min: Fa Wo Bere Di Dwuma Nyansam wɔ Akwamma Mu. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ womfi nnɛ nyɛ nhyehyɛe sɛ wɔde bere pii bedi dwuma wɔ asram a wɔwɔ akwamma mu mfa mma teokrase nneɛma nnya nkɔso. Fa bɔnnɔ so adansedi bere a wɔretu kwan ho nyansahyɛ ahorow ma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa botae horow, a dapɛn biara Bible akenkan, Asafo ti nhoma ahorow akenkan, ne bere pii a wɔde bedi dwuma nyansam wɔ asram a wɔwɔ akwamma mu ka ho nsisi wɔn anim.
Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 10
Dwom 193
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Teokrase Nsɛmmansɛmma. “Fa Akwamma Bere Di Dwuma Ma Mfaso Mmra So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho.
15 min: “Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn No a Yɛde Bedi Dwuma.” Di ho dwuma sɛ nkɔmmɔbɔ a atiefo nya mu kyɛfa. Yɛ ɔyɛkyerɛ abien. Ɛsɛ sɛ nea odi kan no de nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 3 no di dwuma. Ɛsɛ sɛ nea ɔto so abien no de bere tiaa bi kyerɛ sɛnea wobetumi de nhoma foforo no afi Bible adesua ase.
15 min: Harmagedon ho Nsemmisa. Ɔkasa a ɛka Reasoning nhoma no nkratafa 44-9 mu nsɛm ho asɛm.
Dwom 137 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 17
Dwom 8
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Munsusuw asafo no July asɛnka akontaabu ho, na fa nkamfo ne nkuranhyɛ a wohia na wɔanya nkɔanim ma. Kyerɛ sɛnea afe asɛm no ne nsɛm a ɛka ho no ho dwen boa yɛn ma yenya nokware anigye bere a yɛyɛ asɛnka adwuma na yɛne asafo no bɔ no. (Rom. 12:9-16) Sɛ bere ma kwan a, fa asɛm a wɔbɛka akyerɛ wɔ asɛnka mu biako anaa abien wɔ dapɛn yi awiei ho nyansahyɛ ma.
13 min: “So Woka Bible Adesua ho Asɛm Kyerɛ?” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a osuahu ahorow a wɔapaw a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi afi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan anaa sankɔhwɛ mu di akyi.
20 min: “Nneɛma Pa a Yɛbɛyɛ Na Yɛanya Nkɔso Pii.” Ma krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no nkyekyem abien a edi kan no sɛ ɔkasa. Fa asemmisa ne mmuae susuw nea aka no ho. Si nsɛm a mubetumi de adi adwuma wɔ mo hɔnom so dua. Ka emu nsɛntitiriw no tiawa fa wie.
Dwom 184 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 24
Dwom 180
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Asemmisa Afã. Mubetumi ama ɔsom adwuma sohwɛfo adi ɔfã yi ho dwuma.
20 min: “Anigye a Wobɛkanyan wɔ Ahenni Nkrasɛm no Ho.” Bere a wode nnianim asɛm tiawa bi ama akyi no, yɛ (1) obi a ogyee nsɛmma nhoma a aba foforo, (2) obi a ɔkyerɛɛ anigye nanso wannye nhoma, ne (3) obi a ogyee “Hwɛ!” brochure a wɔsan kɔsra no ho ɔyɛkyerɛ. To nhyɛase ma sankɔhwɛ foforo wɔ emu biara mu.
15 min: “Onyankopɔn Asɛm a Yebegye Atom, Yɛde Adi Dwuma na Yɛanya Mu Mfaso.” Ma wɔnka amansin nhyiam ankasa ho anisɔ nsɛm a wɔasiesie nkyerɛ. Wubetumi atwe adwene asi nsɛm a ɛsom bo a yesuae wɔ ɔmansin nhyiam a atwam no ase no so. Afei fa asemmisa-ne-mmuae susuw kratafa 1 asɛm no ho. Faako a ɛbɛyɛ yiye no, ka bere a wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam anaa da koro nhyiam titiriw a edi hɔ no, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ bi.
Dwom 157 ne mpaebɔ a wɔde wie.