Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ 1983 mu anaa nea akyɛ sen saa. Adawurubɔfo mfa biako nnye ne bo fã a ɛyɛ ₵250 na akwampaefo nnye no ₵125. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne sika sohwɛfo no hwɛ January Yɛn Ahenni Som no mu wɔ Nkaebɔ Ahorow ase na wɔanya akwankyerɛ a ɛbɛma wɔabisa ma wɔatew afi wɔn ka so afi Asafo ti hɔ no. Sɛ mo asafo no nni nhoma ahorow yi bi a, mubetumi de nhoma a edidi so yi ama de agye ne bo ankasa: Survival Into a New Earth, True Peace and Security (1986 de) anaa Worldwide Security Under the Prince of Peace. March: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. April: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! May ne June: Ɔwɛn-Aban kra. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn ɔsram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.
◼ Efi March no, amansin so ahwɛfo baguam ɔkasa foforo no bɛyɛ “Yehowa Adwene a Yebenya wɔ Mmofra Ho.”
◼ Wɔbɛma 1993 Nkaedi bere no mu ɔkasa titiriw no Kwasida, March 28. Ɔkasa no asɛmti bɛyɛ “‘Asiane Ahorow a Emfi Nnipa’—Wubu No Dɛn?” Wɔde krataa a wɔbɛhwɛ so ama ɔkasa no bɛma. Asafo ahorow a wɔn mansin sohwɛfo abɛsra wɔn anaa wɔreyɛ wɔn ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na March 28 adu.
◼ January 1, 1993 no, wofii ase tintimii Ɔwɛn-Aban a ɛba ɔsram biara wɔ Lithuania kasa mu, enti kasa horow a wotintim nsɛmma nhoma yi wom no abɛyɛ 112. Wɔ January mu nso no, Telegu kasa mu Ɔwɛn-Aban no bɛyɛɛ nea a wotintim no dapɛn abien biara.
◼ Posts and Telecommunications Corporation (P & T) atwe Asafo ti no adwene asi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ asafo ahorow bi de sika ankasa hyɛ nhoma kotoku mu de mana fa post office. P & T Corporation se asiane wom, na etia nneɛma a wɔde mana fa post office no mmara nso. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔyɛ saa no gyae ntɛm ara. Sɛ asafo no mfa wɔn sika nto sikakorabea a, ɛsɛ sɛ wɔde postal anaa money order anaa bank draft mana asafo ti no.
◼ Yɛrekae asafo ahorow no bio sɛ, sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe abɛsra Betel sɛ bɔs akuw a, anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wɔn krataa a wɔde bɔ yɛn amanneɛ no du baa dwumadibea ha adapɛn abien ansa na wɔaba. Ɛsɛ sɛ Betel hu nnipa dodow a wɔreba ne da a wɔbɛba no. Sɛ asafo no betumi ayɛ nhyehyɛe abɛhwɛ Betel wɔ dapɛn no mu a, ɛyɛ papa, efisɛ nsrahwɛfo no betumi ahwɛ Betelfo a wɔreyɛ adwuma, na na mfiri no nso reyɛ adwuma. Nanso, yenim sɛ adwumayɛfo nti, ɛnyɛ bere nyinaa na ebia wobetumi ayɛ nhyehyɛe abɛhwɛ Betel wɔ dapɛn no mu. Sɛ saa a, yɛde afotu ma sɛ Memeneda anɔpa 9:00 bɛbɔ no, na bɔs akuw no abedu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ Betel a wokyinkyin hwɛ hɔ no gye bɛyɛ dɔnhwerew biako. Sɛ nnipa no dɔɔso a, wɔbɛkyekyɛ wɔn mu akuw nketenkete na anyɛ ɔhaw. Enti ɛtaa gye bɛboro dɔnhwerew biako na akuw no nyinaa ahwɛ hɔ awie. Nanso, ɛsɛ sɛ wowie nsrahwɛ no nyinaa ansa na awia 12:00 a Betel pɔn Memeneda no abɔ. Enti na yɛkamfo kyerɛ bɔs akuw no sɛ Memeneda anɔpa nnɔn 9:00 bɛbɔ no, na wɔadu Betel. Enhia sɛ ankorankoro ne mmusua di kan bɔ yɛn amanneɛ ansa na wɔabɛhwɛ hɔ. Yɛresan akae mo bio sɛ wobue Betel fi anɔpa 8:00 kosi awia 12:00 ne fi awia 1:15 kosi anwummere 5:15 wɔ dapɛn no mu ne fi anɔpa 8:00 kosi awia 12 Memeneda.
◼ Nhoma Afoforo a Ɛwɔ Hɔ:
Engiresi, Twi, Ewe, Ga: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?; So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? (Nkratawa a Ɛto so 19); Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw (Kratawa a Ɛto so 20); Nya Abusua Asetra Mu Anigye (Kratawa a Ɛto so 21); Hena Na Odi Wiase no So Ankasa? (Kratawa a Ɛto so 22).
◼ Kasɛt Foforo a Ɛwɔ Hɔ: Engiresi: Doing God’s Will With Zeal (Drama; kasɛt biako). ◼ Video Kasɛt Foforo a Ɛwɔ Hɔ: Engiresi: Purple Triangles.