Teokrase Nsɛmmansɛmma
Australia: Wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 57,272 wɔ August mu, na wɔde adawurubɔfo a wɔboro afe a etwaam no nkɔanim so 1,541 na ewiee ɔsom afe no. Wobuu Bible adesua dodow a ɛsen biara 31,712 ho akontaa.
Cyprus: Wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛto so awotwe wɔ ɔsom afe no mu bere a 1,433 buu akontaa no. Ná eyi yɛ afe a etwaam no mu nkyekyem so nkɔanim ɔha biara mu nkyem 9.
Dominican Republic: Adawurubɔfo 15,418 a wobuu akontaa wɔ August mu no ma wonyaa ɔsom afe a etwaam no adawurubɔfo so nkɔanim ɔha biara mu nkyem 20. Adawurubɔfo yi mu ɔha biara mu nkyem 20 ne akyi reyɛ bere nyinaa som adwuma no.
Puerto Rico: Wobuu adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 25,315 ho akontaa wɔ August mu.
Togo: Wonyaa afe a etwaam no mu adawurubɔfo so nkɔanim ɔha biara mu nkyem 28 wɔ August mu. Wɔde adawurubɔfo 7,100 a wobuu akontaa no na ewiee ɔsom afe no. Wɔbɔɔ afoforofo 728 asu wɔ afe no mu.