Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Wɔ Memeneda, October 3, 1981 no, wɔyɛɛ Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo, Pennsylvania, afe afe nhyiam no wɔ Jersey City Nhyiam Asa no so na nnipa 4,390 na wɔkɔɔ ase. Wɔtee amanneɛbɔ a ɛfa adwuma no ho a efi Alaska, Canada, Korea, Mexico, Puerto Rico, Switzerland, ne United States. Ahenni nkɔso ho amanneɛbɔ pa a wɔde mae no maa obiara ani gyei.
◆ Barbados bɔɔ amanneɛ sɛ nnipa 3,361 na wɔkɔɔ wɔn nhyiam no na wɔbɔɔ 50 asu. Ná dodow a wɔkɔe no boro wɔn adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ 1,598 no mmɔho no. Nnipa 803 na wɔkɔɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ St. Lucia no a na ɛno nso boro wɔn adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ 340 no mmɔho so.
◆ Britain nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 109,624 August mu a ɛyɛ afe a etwaam no nkyekyem so nkɔanim 8%.
◆ Dominican Republic nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 10,403 ne wɔn daa akwampaefo dodow a ɛsen biara ntoatoaso a ɛto so awotwe wɔ August mu.
◆ Nnipa 10,131 na wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam horow abien a wɔyɛe wɔ Haiti no ase na wɔbɔɔ 215 asu. Na wɔn adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara yɛ 4,894.
◆ Ɛwom sɛ anuanom a wɔwɔ Togo reyɛ adwuma wɔ anohyeto a emu yɛ den ase de, nanso wɔbɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 3,379 ho amanneɛ wɔ November a etwaam no mu. Sɛ wɔkyekyem a, ɛboro afe a etwaam de no so 11.8%. Sɛ wɔde toto nea wonyae wɔ ɔsram koro no ara mu wɔ afe biako a atwam ni de ho a, ɛyɛ nkɔanim 33.6%. Sɛ wɔkyekyem a, asafo mu ɔdawurubɔfo biara nyaa nnɔnhwerew bɛboro 12. Bio nso, wɔn mu 230 na wɔde wɔn hyɛɛ akwampae adwuma no mu.
◆ Nhyiamfo bɛboro 6,500 na wɔbaa “Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛe ho nhyehyɛe maa anuanom a wofi Togo no wɔ Accra, Ghana, wɔ December a etwaam no mu no ase. Wɔn a wofi Togo a wɔbɔɔ wɔn asu dodow yɛ 520.