Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/93 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Ma February

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Ma February
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase February 1
  • Dapɛn a Efi Ase February 8
  • Dapɛn a Efi Ase February 15
  • Dapɛn a Efi Ase February 22
Yɛn Ahenni Som—1993
km 2/93 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Ma February

Dapɛn a Efi Ase February 1

Dwom 23

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Ka kyerɛ asafo no sɛ wɔmfa wɔn Insight, Po 1, mmra dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam no mma simma 15 dwumadi no.

15 min: Mogya a Wɔde Ma ho Ɔhaw Ahorow a Wobɛkwati—Bere Aso sɛ Yɛsan Hyehyɛ Yɛn Advance Medical Directive no Foforo. Ɔpanyin a odi ɔfã yi ho dwuma no ma wɔkyekyɛ nkratasin foforo no ma adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu no, na ɔde ahwɛyiye susuw November 2, 1991, krataa a ɛkyerɛkyerɛ dwuma a yɛde nkratasin yi di no mu. Sɛ woresiesie wo ho a, kenkan Asafo ti no krataa, CS:DD May 15, 1990 no fefeefe. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn nsa hyɛ ase sɛ adansefo no hu ankasa sɛ kratasin no wura de ne nsa rehyɛ ase. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnhyehyɛ nkratasin foforo no nwie ansa na wɔafi Ahenni Asa so hɔ akɔ. Ɛnsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu no fi fie kɔ baabi a wɔn Advance Medical Directive/Release kratasin no nhyɛ wɔn ho da. Ɛsɛ sɛ Ɔwofo Ɔdansefo mma nkumaa a wɔmmɔɔ wɔn asu no de Identity Card no hyɛ wɔn ho bere nyinaa. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ asafo nhyiam biako ase daa no adi sɛ adawurubɔfo baanum biara mu biako gyaw ne kratasin no too fie, na na mmofra no mu biara nni hɔ a wɔn Identity Card no hyɛ wɔn ho. Kenkan Mmebusɛm 22:3 fa di dwuma fa wie.

20 min: Mo asafo no mu ahiade ahorow, anaa ɔkasa a wɔato din sɛ “Maintain a Proper View of Entertainment” (Kura Anigyede ho Adwene a Ɛteɛ Mu) a egyina November 8, 1992, Awake!, nkratafa 3-10 so.

Dwom 139 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 8

Dwom 162

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka dapɛn no awiei asɛnka ho nhyehyɛe ho asɛm.

20 min: “Ka Ɔkwan a Onyankopɔn Bɛfa so de Asomdwoe ne Ahotɔ Aba ho Asɛm.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa nkratawa nni dwuma wɔ asɛnka mu. Sɛ mususuw nkyekyem 3 ho wie a, ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye mfa So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? kratawa no nyɛ sɛnea wobetumi afi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan anaa sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ. Ɔdawurubɔfo: “Mema wo akye. Ɛnnɛ yɛne nkurɔfo rebɔ sɛnea asetra te ho nkɔmmɔ. So w’ani sɔ nea wuhu sɛ ɛrekɔ so wɔ nkurɔfo asetra mu nnɛ no?” Ofiewura: “Ɛnte saa ankasa.” Ɔdawurubɔfo: “So wote nka sɛ tebea no bɛyɛ papa?” Ofiewura: “Minnim.” Ɔdawurubɔfo de kratawa ma no ka sɛ: “Ebinom susuw sɛ nea ɛrekɔ so no yɛ Bible nkɔmhyɛ mmamu, ne sɛ wiase no awiei abɛn. Wususuw ho dɛn?” Ofiewura: “Minnim. Misusuw sɛ ɛbɛyɛ saa.” Afei ɔdawurubɔfo dan kɔ kratawa no so na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ wiase no awiei nyɛ ɔsoro ne asase ankasa yi awiei. Ɔdawurubɔfo yɛ nsrahwɛ foforo ho nhyehyɛe na ama wɔasusuw Bible mu adanse a ɛkyerɛ sɛ mprempren nhyehyɛe no abɛn ho.

15 min: “Momma Mo Ani Nnye Anidaso Mu.” Ka Romafo 12:12 ho asɛm tiawa fa kyerɛ sɛ anidaso ma Kristoni tumi de anigye gyina ɔhaw ano. Wo ne atiefo nsusuw nsemmisa a edidi so yi a egyina Insight, Po 1, nkratafa 1137-40 so no ho. (1) Anidaso ankasa a obi wɔ no gyina abusuabɔ bɛn so? (Efe. 2:11, 12) (2) Dɛn nti na yebetumi anya daa nkwa anidaso no mu awerɛhyem? (Heb. 6:17-20) (3) Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ asase so owusɔre bɛba? (Aso. 17:31; 24:15) (4) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ yɛn Kristofo anidaso no mu den? (Heb. 3:6; 6:11; Rom. 5:2-5) (5) Ɔkwan bɛn so na yenya “nkwagye anidaso” no mu mfaso? (2 Kor. 3:12; 1 Tes. 1:3; 5:8; 1 Yoh. 3:2, 3) Fa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn anidaso kanyan yɛn ho nsɛm wiei. Ɛwom mpo sɛ yennyaa akatua no de, nanso ɛsɛ sɛ yɛn anidaso no wowaw yɛn bere a yehyia sɔhwɛ ahorow, na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛhwehwɛ akwan biara a yɛbɛfa so aka ho asɛm akyerɛ afoforo.—1 Pet. 3:15.

Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 15

Dwom 130

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma. Kenkan sika akontaabu na ka ntoboa ahorow a Asafo ti no kyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm. Kamfo asafo no wɔ nokwaredi mu a wofi de sika fam mmoa ma asafo no ne Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no.

20 min: “Nnwinnade a Ɛho Hia a Yɛde Bedi Dwuma Nyansam.” Bere a oguamtrani no de bere tiaa bi ada asɛm no adi akyi no, wɔbɛyɛ ɔyɛkyerɛ abien a egyina nsɛm a wɔaka wɔ nkyekyem 2 kosi 5 no so. Ofiewura no gye nsɛmma nhoma abien wɔ ɔyɛkyerɛ a edi kan no awiei. Ɔdawurubɔfo hyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan aba abebua asemmisa, Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? Wɔde kratawa a ɛfata fi ofie Bible adesua ase wɔ ɔyɛkyerɛ a ɛto so abien no awiei. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔne afiewuranom mmɔ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ bere a wɔreyɛ asɛnka adwuma dapɛn yi awiei.

15 min: Nea Enti a Kristofo Twe Wɔn Ho Fi Mogya Ho. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina nkyerɛkyerɛmu a Reasoning nhoma de ma ne ne nkratafa 70-2 nsɛmti nketewa a ɛwɔ “Blood” ase so.

Dwom 177 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 22

Dwom 128

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw asɛm “Ɔsom mu Hokwan a Ɛyɛ Anigye” mu nsɛntitiriw ho. Bisabisa ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ obi a ɔma no nsɛmma nhoma daa no nsɛm sɛnea bere ma kwan. Ɛyɛɛ dɛn na ofii ase maa no bi? Ɔkwan bɛn so na aboa no ma wakanyan ofiewura no anigye?

15 min: “So Wubetumi Asom Yehowa sɛ Ɔkwampaefo?” Wɔne atiefo ntam nkɔmmɔbɔ. Bisabisa aberante anaa ababaa bi a ɔyɛ daa ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo bi a ɔyɛɛ akwampae adwuma bere a ɔyɛ abofra no nsɛm. Si sɛnea awofo ne afoforo betumi ahyɛ mmofra nkuran ma wɔadu botae a ɛne akwampae adwuma ho no so dua. Kanyan wɔn nyinaa ɔhyew so sɛ wonsusuw tumi a wobetumi de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu ho anibere so. Wɔnyɛ nhyehyɛe mprempren nyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu.

20 min: “Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow a Etu Mpɔn Fa Hyɛ Anigye No Mu Den.” Ɔkasa tiawa a nkɔmmɔbɔ a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 3 ho ɔyɛkyerɛ ka ho. Wobetumi ati asɛm a wɔka kyerɛ no mu nsɛntitiriw bi, te sɛ nnianim asɛm no anaa kyerɛwsɛm no so a wɔdan kɔ no mu sɛnea bere ma kwan.

Dwom 160 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena