Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/93 kr. 3
  • Nea Nkaedi no Kyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Nkaedi no Kyerɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1993
Yɛn Ahenni Som—1993
km 3/93 kr. 3

Nea Nkaedi no Kyerɛ

1 Wɔadi nea Nkaedi no kyerɛ ho adanse wɔ asɛm a Petro ka fa Awurade Yesu Kristo ho no mu sɛ: “Nkwagye biara nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.”​—Aso. 4:12.

2 Yiw, yɛn nkwagye gyina yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo wu so. Hwɛ sɛnea ɛfata yiye sɛ Yesu ankasa hyɛe sɛ wɔnkae ne wu: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Nkaedi no ne nhyiam a nnipa a wɔdɔɔso sen biara ba ase afe biara, a nnipa a wɔdɔɔso sen biara a wɔn dodow yɛ 139,351 na wɔbae wɔ Ghana, na nnipa dodow a ɛsen biara 11,431,171 na wɔkɔe wɔ wiase nyinaa.

3 Nea Yɛn Nti Yesu Faa Mu: Bere a osusuw nsɛm a ɛyɛ yaw a ebesisi a ɛde n’asase so som adwuma bɛba awiei ho no, odii yaw na “ne werɛ fii ase howee, na ne ho yeraw no.” (Mat. 26:37) Ɔdaa eyi adi kyerɛɛ Petro, Yohane ne Yakobo wɔ Getsemane turo no mu sɛ: “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu.” (Mat. 26:38) Bere a ɔbɔɔ Yehowa mpae no, “ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.” (Luka 22:44) Nokwarem no, ‘ɔde nteɛm a emu yɛ den ne nusu’ bɔɔ Yehowa mpae a emu yɛ den, ‘na osuro pa nti, wotiee no.’​—Heb. 5:7.

4 Afei wodii n’asɛm a ɛbɛdaa adi sɛ ɛne abakɔsɛm nyinaa mu atɛnkyea a ɛsen biara no wɔ asennibea. Ná atemmufo a wɔwɔ ne ho adwemmɔne no abua asɛm no dedaw mpo ansa na wɔredi n’asɛm. (Mat. 26:​3, 4) Esiane sɛ na wɔn adeyɛ no nteɛ nti, wɔtwɛn kosii anadwo ansa na wɔrekyere Yesu, na wodii n’asɛm anadwo! (Luka 22:​52-54) Hwɛ ɛyaw a Yesu Kristo dii sɛ wɔbɔɔ no sobo sɛ waka abususɛm atia ne soro Agya no. Wɔbobɔɔ no asotɔre, bobɔɔ no akuturuku, wɔtetee ntasu guu ne so, wɔkaa no mpire, na awiei koraa no, wɔbɔɔ no asɛnduam yayaayaw. Ɛwom sɛ ɛnyɛ nea Yesu huu amane wom maa yɛn no nyinaa ni de, nanso so ɛnka yɛn mma yɛnkyerɛ anisɔ a ɛsen biara wɔ Yesu dɔ a ɛso nni no ho?

5 Asuade Ahorow a Yesu De Ma: Ɛda adi pefee sɛ Yesu sii ne bo sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na ɔremma biribiara ntetew ɔne Onyankopɔn ntam ɔdɔ mu. Ɛmfa ho sɛ amanehunu bɛn ara na ebia nokware no anaa biribi foforo nti wiase yi ma yehyia no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara. (Rom. 8:​35-39) Yesu gyidi dii wiase no so nkonim. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛn gyidi yɛ saa ara. (1 Yoh. 5:4) Bere a wokɔ Yesu wu ho Nkaedi no ase Benada anwummere, April 6 no, ɛmmra sɛ wubesusuw nea ɛkyerɛ no ho denam Yesu anammɔn akyi pɛɛ a wubedi wɔ ɔsom kronn no afã horow nyinaa mu no so. Ɛno ansa na yebetumi ahwɛ daa nkwa akyɛde a ɛnyɛ sɛ Yesu agyede no nti a, anka yɛn nsa ntumi nka no kwan.​—1 Pet. 2:21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena