Nsɛm Tiawa a Etu Mpɔn a Wɔka Kyerɛ
1 Yesu nam ɔkwan tiawa ne tee so na ɔbɔɔ Onyankopɔn Ahenni no dawuru. Ná onim sɛ sɛ wɔn a wɔte sɛ nguan no te nokware no a, wɔbɛyɛ ho biribi pa. Ná onim nso sɛ nnipa no nsusuwii, anigyede ahorow, ne wɔn adwene gu ahorow. Enti, ɔde nnianim nsɛm, nsemmisa ne mfatoho ahorow a asete nyɛ den dii dwuma na ama watwetwe n’atiefo adwene na waka wɔn koma. Yebetumi asuasua ne nhwɛso no na yɛde nsɛm tiawa a etu mpɔn a wɔka kyerɛ adi dwuma pa.
2 Fa Reasoning Nhoma no Di Dwuma wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So: Nnianim asɛm a edi kan wɔ asɛmti “Employment/Housing” a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 11 no yɛ ne bere mu de na ɛyɛ mmerɛw sɛ wode bedi dwuma.
Wubetumi aka sɛ:
◼ “Yɛne wo mpɔtam hafo rebɔ nea wobetumi ayɛ na ama obiara anya adwuma ne ɔdan ho nkɔmmɔ. So wugye di sɛ ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ nnipa nniso horow betumi ayɛ eyi? . . . Nanso obi wɔ hɔ a onim sɛnea obedi ɔhaw ahorow yi ho dwuma; ɔno ne adesamma Bɔfo.” Kenkan Yesaia 65:21-23. Afei wubetumi abisa ofiewura no sɛnea ɔte nka wɔ asɛm no ho.
3 Nnipa pii ani begye asɛmti “Injustice/Suffering” a ɛwɔ kratafa 12 no ho nnɛ.
Wubetumi abisa sɛ:
◼ “Woabisa pɛn sɛ: So Onyankopɔn dwen nsisi ne amanehunu a adesamma hyia no ho ampa?” Twɛn ma ofiewura no mma mmuae na afei monkenkan Ɔsɛnkafo 4:1 ne Dwom 72:12-14. Sɛ ɛfata sɛ wode Tra Ase Daa nhoma no di dwuma a, bue mfonini a ɛwɔ nkratafa 150-3 no, na fa bere tiaa bi kyerɛ no sɛnea nnɛ wiase tebea horow no yɛ Bible nkɔmhyɛ mmamu. Afei bue nkratafa 161-2 fa kyerɛ nea Onyankopɔn san hyɛɛ nkɔm sɛ ɔde behyira onipa no. Bisa ofiewura no nea n’ani gye ho sen biara.
4 Bere a wo ne ofiewura no abɔ nkɔmmɔ bere tiaa bi akyi no, wubetumi asi gyinae sɛ wobɛtwe n’adwene asi Tra Ase Daa nhoma no anaa nsɛmma nhoma no biako mu asɛm, anaa brochure anaa kratawa bi so.
Sɛ nhwɛso no, bere a wode asɛm yi mu nkyekyem 2 no mu nnianim asɛm no adi dwuma akyi no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Brochure yi, So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? kyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ de adi yɛn da biara ahiade ahorow ho dwuma no mu pefee, na ɛkyerɛ sɛnea yebetumi anya mu mfaso.” Bue brochure no nkratafa 26 ne 27, na twe adwene si nkyekyem 21 no so.
5 Anaa bere a wode nkyekyem 3 nnianim asɛm no adi dwuma akyi no, wubetumi asi So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? kratawa no so dua.
Wubetumi aka sɛ:
◼ “Amanehunu ne ɔhaw pii wɔ wiase no mu nnɛ. Kratawa yi kyerɛ sɛ wɔhyɛɛ ɔko, aduankɔm, ne akwahosan ho ɔhaw ahorow ho nkɔm wɔ Bible no mu. Nanso, Onyankopɔn ahyɛ bɔ nso sɛ ɔbɛyɛ nsakrae bi a ɛyɛ nwonwa ama adesamma.” Kenkan kratawa no kratafa 5 no nkyekyem a etwa to no.
6 Akyinnye biara nni ho sɛ anigye a efi komam a yɛbɛkyerɛ wɔ nkurɔfo ho, ne nsɛm tiawa a etu mpɔn a yɛka kyerɛ a ɛka koma bɛkanyan wɔn a wɔte sɛ nguan no.—Yoh. 10:16.