Ɔsom Nhyiam Ma June
Dapɛn a Efi Ase May 31
Dwom 209
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw.
20 min: “Yɛ a Yɛbɛyɛ Yɛn Som Adwuma a Egye Nkwa no ma Asow Aba.” Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Wɔ nnianim asɛm tiawa bi akyi no, yɛ nkyekyem 2-5 ho ɔyɛkyerɛ abiɛsa. Ɔyɛkyerɛ biara akyi no, bisa atiefo sɛnea wobetumi asakra asɛm a yɛka kyerɛ no mu ma ɛne mo asasesin no mu tebea horow ahyia. Fa ɔsom adwuma no mu kyɛfa a ɛsɛ sɛ wonya dapɛn yi awiei ho nkuranhyɛ wie.
15 min: Hia a Abusua no Honhom Fam Yiyedi ho Hia. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Ka hia a ehia sɛ abusua no susuw daa asɛm no ho, na ka sɛnea wobetumi ayɛ saa wɔ nsɛm tebea horow ne abusua bere nhyehyɛe horow mu ho asɛm. Afei nso, si hia a ehia sɛ anyɛ yiye koraa no, abusua no bɛbom abɔ mpaebɔ pɛnkoro da biara so dua. Wobetumi ayɛ saa bere a wɔrekɔda. Wobetumi de nnyinasosɛm koro no ara adi dwuma wɔ afie a emu apaapae mu, awofo a wonni ahokafo mmusua, ne mmusua a wonni mma wom mu. Abusua no ho a wosiesie nso boa ma wonya asafo nhyiam horow mu mfaso pii dapɛn biara, na wotumi hyɛ afoforo gyidi den nso.—Heb. 10:23-25.
Dwom 104 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 7
Dwom 27
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Osuahu ahorow a wɔanya nnansa yi bere a wɔde nsɛmma nhoma ne brochure ahorow yɛ adwuma no. So adawurubɔfo pii ama wɔatumi akra nsɛmma nhoma no bi? (Ɛsɛ sɛ wubisa eyi fi onua a ɔyɛ nsɛmma nhomakra ho adwuma wɔ asafo no mu no hɔ.)
15 min: “Afie Afie Som Adwuma ho Nsɛnnennen a Yebedi ho Dwuma.” Nsemmisa ne mmuae. Kenkan emu kyerɛw nsɛm na kyerɛkyerɛ mu.
20 min: “Fa Anigye San Kɔboa Anigyefo.” Atiefo nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Si hia a ehia sɛ wɔyɛ anigyefo a wonya wɔn no ho kyerɛwtohɔ pa so dua. Fa nkyekyem 3-6 mu nsɛm yɛ ɔyɛkyerɛ abien. Ɛsɛ sɛ eyi da mo hɔnom nsɛm tebea adi na wɔsakra mu sɛnea ehia.
Dwom 134 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 14
Dwom 16
10 min: Asafo mu nkaebɔ, a sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm ka ho. Kamfo asafo no wɔ sika a wɔde boa mo asafo no ne Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no ho.
25 min: “Yehowa Adansefo 1993 ‘Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ’ Ɔmantam Nhyiam.” Asemmisa-ne-mmuae a ɔkyerɛwfo de di asɛm no ho dwuma. Kenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm atitiriw nkutoo. Kanyan Tamale nhyiam no ho anigye. Asafo ahorow a wɔn a wɔadi dɛm wom no betumi asi ahiade atitiriw no ho nkyekyem no so dua.
10 min: Asemmisa Afã. Wɔne atiefo nkɔmmɔbɔ. Si nsɛntitiriw so dua na kenkan kyerɛw nsɛm atitiriw.
Dwom 54 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 21
Dwom 141
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Ka dapɛn no awiei asɛnka ho nhyehyɛe ho asɛm.
20 min: “Mmofra—Momfa Ahokokwaw Nkyerɛ Mo Anammɔn Kwan.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Nkyekyem 3 akyi no, ma wɔnyɛ ɔdawurubɔfo kumaa bi a ɔreka akyerɛ ɔdawurubɔfo bi a wanyin sɛ ɔne nkɔ no asɛnka ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Ɔdawurubɔfo a wanyin no de anigye pene so na ɔka sɛ wɔmmobɔ asɛm a wɔka kyerɛ no so ansa na wɔabom ayɛ adwuma.
15 min: Mo asafo no mu ahiade ahorow.
Dwom 223 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 28
Dwom 207
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka Onipa a Ɔsen Biara nhoma no mu nsɛm a wobetumi aka akyerɛ wɔ July mu. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnhwɛ asɛnka ho nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ July 1993 Yɛn Ahenni Som akyi no.
15 min: “Dɛn Nti Na Atorodi Yɛ Mmerɛw Saa?” a ɛwɔ December 15, 1992, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3 ho ɔkasa a ɔpanyin ma. Kenkan na kyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm atitiriw mu na si emu nsɛntitiriw no so dua.
10 min: So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo wɔ Akwamma Asram no Mu? Bisabisa ebinom a wɔayɛ akwampaefo aboafo wɔ akwamma asram a atwam no mu nsɛm. Hyɛ mmofra ne afoforo a wɔn nsɛm tebea betumi ama wɔayɛ no nkuran sɛ wonsusuw di a wɔde akwamma mmere bedi dwuma yiye no ho. Ebinom betumi aboa ma wɔayɛ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma anaa atew ne ho mu adwuma wɔ akwamma tenten bere mu. Hyɛ wɔn a wɔrebewie sukuu no nkuran sɛ wɔnyɛ daa akwampaefo anaa wɔmmɔ mmɔden nnu saa botae no ho.—2 Kor. 9:6b.
10 min: So Onyankopɔn De Yɛn Bɔne Firi Yɛn? Mpanyimfo baanu siesie wɔn ho ma nsrahwɛ. Wosusuw sɛnea wɔbɛboa onua bi a ne kan bɔne ahorow haw no ara na ontumi nhu sɛ ebia Onyankopɔn de afiri no ho. Mpanyimfo no susuw Reasoning nhoma no nkratafa 81-4, ne afei nso Insight nhoma no, Po I, nkratafa 861-2 no mu nsɛm ho. Wosusuw hia a ehia sɛ wɔne onua yi di no ayamye mu na wosi Yehowa mmɔborohunu ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔde bɔne befiri no so dua. Wɔyɛ nhyehyɛe nso sɛ wobesi hia a ehia sɛ onua no ankasa bɔ ne ho mmɔden so dua; bɔne a wɔka kyerɛ nkutoo nnɔɔso. Mpanyimfo de wɔn ho bɛma sɛ wɔbɛkɔ akɔsra onua no wɔ bere ne bere mu, na wɔde honhom mu mmoa ama no.
Dwom 214 ne mpaebɔ a wɔde wie.