Asemmisa Afã
◼ Atade bɛn na wobebu no sɛ ɛfata bere a obi de ne ho rema ma wɔabɔ no asu no?
Ɛwom sɛ ɛsonosono ahosiesie wɔ wiase afã horow de, nanso wɔda so ara hwehwɛ sɛ Kristofo nyinaa di Bible no nyansahyɛ a ese yɛmfa “ani a ewu ade ne adwenemtew” nsiesie yɛn ho no so, a baabi a wɔte mfa ho. (1 Tim. 2:9) Ɛsɛ sɛ wɔde nnyinasosɛm yi di dwuma bere a wɔresusuw atade a ɛfata ma asubɔ ho no.
June 1, 1985, Watchtower, kratafa 30, de afotu yi ma obi a wɔrebɛbɔ no asu sɛ: “Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ wode anidahɔ di dwuma wɔ ntade ko a wohyɛ de bɔ asu no mu. Eyi ho hia nnɛ bere a ɛte sɛ nea adepamfo pɛ sɛ wɔtwetwe adwene si nna so na wɔma wohu nkurɔfo adagyaw no. Ade foforo a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne sɛ ntade bi a ɛte sɛ nea eye bere a awo no nte saa bere a afɔw no. Obiara a wɔrebɔ no asu no rempɛ sɛ ɔtwetwe afoforo adwene anaa ɔto wɔn hintidua wɔ adeyɛ a anibere wom te sɛ asubɔ ase.—Filipifo 1:10.”
Nea ɛne afotu yi hyia no, wɔn a wɔrebɔ wɔn asu no bɛpɛ sɛ wɔhyɛ ntade a ɛfata, na wɔma hia a adeyɛ no ho hia no tra wɔn adwenem. Enti, asuguare atade ketewaa anaa nea ɛkyekyere obi papee wɔ ɔkwan a ɛmfata so bere a afɔw no renyɛ atade a ɛfata ma Kristoni, na ɛsɛ sɛ ɔkwati ne hyɛ. Saa ara na ɛmfata sɛ obi siesie ne ho basaa anaa ɔyɛ anibiannaso wɔ n’ahosiesie mu. Afei nso, ɛmfata sɛ obi hyɛ T-shɛt a wɔakyerɛw wiasefo nsɛm anaa aguade ho dawurubɔ nsɛm wom.
Bere a mpanyimfo a wɔapaw wɔn no ne wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ susuw asubɔ ho nsemmisa ahorow ho no, ɛno bɛyɛ bere a ɛfata sɛ wosusuw hia a ɛho hia sɛ wɔhyɛ atade a ɛfata no ho. Eyi bɛma adeyɛ no mu nidi atra hɔ, na yɛbɛkɔ so ada nsow wɔ wiase no ho.—Fa toto Yohane 15:19 ho.