Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. August: Yɛde Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye ne Happiness—How to Find It abien nyinaa bɛma de agye ₵1,000. September: Yɛde True Peace and Security—How to Find It ne “Let Your Kingdom Come” abien nyinaa bɛma de agye ₵1,000. MONHYƐ NO NSOW: Sɛ atifi hɔ nhoma ahorow no bi adodow a, wobetumi de ama de agye ne bo fã a ɛyɛ ₵250. Enti, sɛ yɛde nhoma abien no rema na biako adodow na nea ɛka ho no ye a, yɛde nhoma abien no bɛma de agye ₵750. Akwampaefo betumi agye saa nhoma no biara a adodow no ne bo fã a ɛyɛ ₵125. Nanso, sɛ nhoma no ye a, wobetua bo a akwampaefo ne adawurubɔfo tua daa no. Sɛ anuanom a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa rebisa Asafo ti no ma wɔatew wɔn nhoma a adodow no ho ka no bi afi wɔn ka so a, wobetumi ahwɛ January 1993 Yɛn Ahenni Som mu na wɔanya akwankyerɛ a ɛfa akwampaefo ne adawurubɔfo ho. October: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaa nsɛmma nhoma abien no nyinaa kra.
◼ Wɔhyɛ asafo ahorow nkuran sɛ wɔnhyehyɛ Application for Unassigned Territory (S-90) kratasin a wɔde amana wɔn no. Nya asɛmpa no a wɔbɔ no dawuru wɔ nsasesin a ɛwɔ akyiri no mu kyɛfa.
◼ Ɛsɛ sɛ oguamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu ɔsram yi, sɛ wanyɛ saa wɔ ɔsram a etwaam no mu a. Sɛ wɔyɛ saa wie a, kae sɛ wobɛbɔ asafo no amanneɛ.
◼ Wɔremmue Betel July 1. Wɔnyɛ adwuma saa da no.
◼ Yɛde nkratasin ahorow abien remana asafo ahorow no nyinaa: wɔde biako bɛkra service form ahorow na wɔde foforo a ɛka ho no (Literature Order Form) akra controlled stock nneɛma (nea wɔmfa mfiri). Monkra dodow a muhia no nkutoo. Momfa Literature Order Form (S-14) no anim nkra afe afe controlled stock nneɛma (nea wɔmfa mfiri), na momfa kratasin no akyi nkra nea wɔde ma akwampaefo kwa no. Ɛsɛ sɛ mutwa ɔfã a wɔato din sɛ “Other-Language Publications” no mu na mokyerɛw “FREE COPIES FOR PIONEERS.” Nea ɛbɛyɛ na yɛakwati ɔhaw ahorow a yehyiae wɔ bere a atwam no mu no, yɛhyɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne guamtrani no nhyehyɛ nkratasin no pɛpɛɛpɛ nwie, na wɔmfa wɔn nsa nhyɛ ase.