Ɔsom Nhyiam Ma August
Dapɛn a Efi Ase August 2
Dwom 133
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Ma adawurubɔfo baanu anaa baasa nsiesie wɔn ho nka sɛnea wɔde nsɛmma nhoma dedaw di dwuma yiye ho asɛm.
15 min: “Brochure Ahorow a Yɛde Bɛhwehwɛ Anigyefo.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Brochure ahorow a wɔka ho asɛm wɔ nkyekyem 5 ne: So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? ne Nniso a Ɛde Paradise Bɛba. Ka brochure ahorow a mowɔ kyerɛ asafo no, na bisa ma wɔnka brochure ahorow a ɛbɛfata mo asasesin no titiriw. Fa anigye hyɛ anuanom nkuran sɛ wonnya brochure a wɔde ma wɔ bere biara a ɛfata mu no mu kyɛfa nkosi ase. Afei nso, da no adi sɛ mpɛn pii no nnipa a wogye brochure no bɛpɛ sɛ wonya nsɛmma nhoma nso.
20 min: “Nhoma a Yɛde Rema August a Yɛde Bedi Dwuma wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So.” Wo ne asafo no mmɔ emu nsɛm ho nkɔmmɔ, na yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 3 ne 5 no ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wonsiesie wɔn ho yiye.
Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 9
Dwom 25
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika akontaabu ne ntoboa biara a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm. Kae asafo no wɔ asɛnka nhyehyɛe ho, na munsusuw nsɛmma nhoma mu nsɛm a wobetumi aka akyerɛ afoforo ho.
20 min: “San a Yɛbɛsan Akɔkanyan Bible no ho Anigye.” Nnianim asɛm tiawa bi akyi no, yɛ obi a ɔkyerɛɛ anigye nanso wannye nhoma a wɔsan kɔsra no ho ɔyɛkyerɛ. Afei nso, yɛ sɛnea wɔsan kɔsra obi a na onni adagyew sɛ wɔne no bɛbɔ nkɔmmɔ, nanso ogyee Nya Abusua Asetra Mu Anigye kratawa ho ɔyɛkyerɛ. Emu biara mu no, kyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo fi nkɔmmɔbɔ ase na ɔkanyan anigye.
15 min: Mo asafo no ahiade, anaa bisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa nsɛm fa sɛnea wosuaa nokware no ho. Ɛsɛ sɛ wudi kan paw osuahu ahorow a ɛte sɛɛ no na ɛkyerɛ sɛnea ɔsom adwuma no tu mpɔn.
Dwom 191 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 16
Dwom 136
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Afei nso, wo ne atiefo nsusuw Asemmisa Afã no ho. Ma obi a watwe ne ho ne ɔdawurubɔfo a wayɛ mmerɛw ntam nsonsonoe nna adi pefee.
15 min: “So Wubetumi Ayɛ?” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Bisabisa daa ɔkwampaefo biako anaa baanu anaasɛ ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ bere ne bere mu nsɛm. Ma wɔnka sɛnea wosii gyinae sɛ wɔbɛyɛ pii ne sɛnea wɔhyehyɛɛ wɔn dwumadi ahorow.
15 min: Ahotew ho ɔkasa a egyina June 1, 1989, The Watchtower nkratafa 15-20 so a ɔpanyin ma. Ɛsɛ sɛ ɔde ayamye ne atɛmpa ma.
Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 23
Dwom 170
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ɔpanyin ka asafo no July asɛnka akontaabu ho asɛm, na ɔde nkamfo ne nkuranhyɛ ma. Afei nso, munsusuw nsɛmma nhoma mu nsɛm abien anaa abiɛsa a wobetumi aka akyerɛ ho na wɔde adi dwuma wɔ asɛnka mu dapɛn yi awiei.
15 min: “Cross” [Mmeamudua], Reasoning nhoma no nkratafa 89-93. Munni ho dwuma sɛ ofiewura a ogyee Happiness nhoma a wɔsan kɔsra no. Ofiewura twe adwene si nhoma no kratafa 108 so, na obisa nea enti a wɔayɛ Yesu mfonini wɔ dua so na ɛnyɛ mmeamudua. Onua no de Resoning nhoma no boa ofiewura no ma ohu nea Bible no ka.
20 min: “Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a Yɛde Bedi Dwuma Yiye.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Boa wɔn nyinaa ma wonhu hokwan ahorow a yebetumi anya da biara de nsɛmma nhoma a aba foforo ne dedaw nso ama.
Dwom 192 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 30
Dwom 184
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nkuranhyɛ a ɔmansin sohwɛfo de mae wɔ ne nsrahwɛ a etwa to no mu ho. Kae anuanom sɛ wɔnhwɛ nhu sɛ wɔde 1993 ɔsom afe no akontaabu nyinaa ama.
15 min: Hia a Mmere ne Nna ho Hia wɔ Yɛn Bible Sua Mu. Bere a woama “Definition” a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 93 ase hɔ asɛm ho ɔkasa tiawa akyi no, wo ne atiefo mmɔ nsɛm a aka wɔ “Dates” ase no ho nkɔmmɔ. Munsusuw “Why do Jehovah’s Witnesses say that God’s Kingdom wɔ established in 1914?” [Dɛn nti na Yehowa Adansefo ka sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ wɔ 1914 mu?] no ho. Si sɛnea asɛm yi boa afoforofo ma wosiesie wɔn ho bua Ahenni nkrasɛm no ho nsɛm so dua.
15 min: “Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Sika ho Dɔ Mu?” Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma fi February 15, 1993 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 8-11.
Dwom 174 ne mpaebɔ a wɔde wie.