Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma October: Nyan! ne Ɔwɛn-Aban kra anaa Mankind’s Search for God (sɛ ebi wɔ hɔ a). November: New World Translation of the Holy Scriptures ne nhoma The Bible—God’s Word or Man’s? December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. January: Nhoma a ekura nkratafa 192 a wotintim no wɔ krataa a etumi dodow anaa ɛpa so anaa nea wotintimii ansa na 1980 reba biara. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de Mankind’s Search for God ama. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn ɔsram biara “Literature Order Form” (S-14) a edi hɔ no nkra bi. Nhoma dedaw a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no bi wɔ hɔ, enti asafo ahorow a wonni bi no betumi akra.
◼ Nea ɛhyɛ saa Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Theocratic Ministry School Schedule for 1994,” na ɛsɛ sɛ mode sie na mode adi dwuma wɔ 1994 mu nyinaa.
◼ Mprempren Asafo ti no retintim 1970 besi 1979 Engiresi kasa mu Watchtower bound volume ahorow sɛ nhoma a wobetintim no bere nyinaa. Obiara a n’ani gye ho sɛ obenya saa bound volume ahorow yi bi no mfa n’asafo no so nkra. Yɛsrɛ sɛ monkae sɛ bound volume ahorow no yɛ nhoma a wɔkra ma wɔn a wohia nkutoo na wɔmfa mfiri.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1994 ka nhoma a wɔbɛkra no October no ho. Wobenya nhomawa no Engiresi, Ewe, French, Ga, ne Twi. Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa yɛ nhomawa a wɔkra ma wɔn a wohia nkutoo na wɔmfa mfiri.
◼ Nhoma Afoforo a Aba:
Ewe: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye. Ga: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye.
◼ Nhoma Ahorow a Ebi Asan Aba Bio:
Ewe: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn Twi: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn.
◼ Diskette Afoforo a Aba:
Engiresi: New World Translation—With References a ɛwɔ (3 1⁄2 inch, 720 kilobytes) diskette (ds3Rbi8) 7 so anaa (5 1⁄4 inch, 1·2 megabytes) a ɛwɔ diskette (ds5Rbi8) 4 so. Akwampaefo betumi agye no ₵5,000 na adawurubɔfo agye no ₵6,000; New World Translation—With References/ Insight on the Scriptures a ɛwɔ (3 1⁄2 inch, 1·44 megabytes) diskette (ds3Rit) 9 so anaa (5 1⁄4 inch, 1·2 megabytes) a ɛwɔ diskette (ds5Rit) 10 so. Akwampaefo betumi agye no ₵7,500 na adawurubɔfo agye no ₵9,000.
◼ Ade foforo a ɛwɔ hɔ: Nea wɔde nsɛmma nhoma hyehyem (nea wɔayɛ no foforo) a wɔde gye ₵3,000.
◼ Wɔhyɛ obiara nkuran ɛdefa sukuu sɔhwɛ no ho sɛ ɔmmɔ mmɔden yiye sɛ obegye bere de ahwehwɛ mmuae no sɛnea ɛbɛyɛ na wanya Teokrase Ɔsom Sukuu no mu mfaso kɛse. Ɛno nti na Asafo ti no di kan de nsemmisa no mana bere tenten ansa na yɛayɛ no. Bere a wohwehwɛ nhoma ahorow a wɔabobɔ din a nsemmisa a wɔatintim no gyina so mu no, ɛnsɛ sɛ woyɛ agyiraehyɛde wɔ asemmisa kratasin no so anaa wokyerɛw so, efisɛ wode kratasin a nsemmisa wɔ so yi bedi dwuma bere a woreyɛ sɔhwɛ no. Bere a moreyɛ sɔhwɛ no, wubehia krataa foforo a wobɛkyerɛw nsemmisa a ɛhwehwɛ sɛ wode w’ankasa nsɛm bua no ho mmuae agu so. Bɔ mmɔden ka nsɛm pɔtee ho asɛm, na ma ɛnyɛ tiawa.—Hwɛ nea ɛhyɛ April 1989 Yɛn Ahenni Som mu no, kratafa 5.
◼ MONHYƐ EYI NSOW TITIRIW: Nhoma a sɛ yewie Onipa a Ɔsen Biara nhoma no a yebesua ne Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye. Sɛnea wotumi hu wɔ atifi hɔ no, mprempren wɔanya Abusua Asetra nhoma no wɔ Ewe ne Ga kasa mu nea edi kan. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wohia no kra no ntɛmso. Twi ne Engiresi de no nso bi wɔ baa dwumadibea na mubetumi akra. Monyɛ saa ntɛm.