Kyerɛ a Yɛbɛkyerɛ sɛ Yɛnhwɛ Nnipa Anim wɔ Yɛn Asɛnka Adwuma no Mu
1 Petro kae sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Yɛkyerɛ obu kɛse ma saa nokwasɛm a wɔkaa no pefee no wɔ yɛn asɛnka adwuma a yɛyɛ no mu. Enti, ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden biara de di akwanside biara a ɛmma yentumi nka asɛmpa no nkyerɛ obiara no so.
2 Sɛ yɛkɔ afie afie asɛnka wɔ mmeae ahorow bi a, yɛtaa hyia nnipa a wɔnka anaa wɔnte kasa a yɛde di dwuma wɔ yɛn asafo no mu no. Kasa a ebinom nte no mma wonnya mfaso kɛse mfi Ahenni nkrasɛm a yɛka no mu. Dɛn na yebetumi ayɛ de adi kasa ho asɛnnennen a ɛmma yentumi nka asɛmpa no nkyerɛ saa nnipa no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no ho dwuma?
3 Sɛ wuhyia obi wɔ asasesin no mu a ɔnte wo kasa a, ɛsɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe ne ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ w’asafo mu anaa asafo a ɛbɛn hɔ kɛse no mu a ɔka ofiewura no kasa san kɔ ne nkyɛn. Ade foforo a wubetumi ayɛ ne sɛ wode ne fie address anaa nsɛm a ɛtete saa bɛbrɛ mpanyimfo no, na woakyerɛ kasa a ɔka, na mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe ma wɔakɔsra no. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi bere a onii no nya nkyerɛɛ nokware no ho anigye no mpo. Sɛ w’ankasa wunnim asafo a ɛbɛn hɔ a wɔka saa kasa no mpo a, wubetumi aka akyerɛ mpanyimfo no ara, na ɔkyerɛwfo no akyerɛw asafo anaa kuw a ɛbɛn sen biara a wodi wɔn a wɔka saa kasa no ho dwuma.—Hwɛ November 1990 Yɛn Ahenni Som no Asemmisa Afã hɔ; hwɛ September 1984 de no nso kratafa 4.
4 Wɔ tebea horow bi mu no ebia eyi ho renhia. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ mmeae bi no, ebia na nnipa a wɔka kasa pɔtee bi no aboa wɔn ho ano wɔ faako wɔ asasesin no fã bi. Ɔkwan foforo so no, ebia na nnipa a wɔka kasa bi no ahwete yiye. Ebia ɛbɛma asafo anaa kuw a wɔka saa kasa no ayɛ nsasesin pii mu adwuma na ama wɔatumi aka asɛm akyerɛ wɔn, na wobehia mmoa na ama wɔatumi ahu nnipa a wobetumi aboa wɔn.
5 Sɛ asafo anaa kuw biara nni saa asasesin no nyinaa mu a wobetumi de kasa a ebinom ka no adi adanse a, ebia na ɔdawurubɔfo a ɔte saa kasa no wɔ ɛhɔ asafo ahorow no biako mu, na obetumi akɔ onii no hɔ. Nanso sɛ bere a wɔakohu kuropɔn sohwɛfo no akyi mpo no, wɔannya obi a ɔka saa kasa no a, ɛsɛ sɛ anuanom yɛ nea wobetumi biara de hwɛ hu sɛ wɔadi adanse, ɛwom sɛ eyi ntaa mma saa de. Ada adi sɛ Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! brochure no boa wɔ tebea a ɛte saa mu.
6 Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara ani da hɔ na ɔne asafo ahorow a ɛwɔ faako a ɔte no a wɔka kasa afoforo no yɛ biako wɔ boa a ɔbɛboa wɔn a ohyia wɔn wɔ asɛnka mu ma wosua nkrasɛm a ɛma nkwagye no mu. Yɛnam mmɔden kɛse a yɛbɔ sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa nyinaa, a wɔn kasa mfa ho no so bɛda yɛn Nyankopɔn, Yehowa, “a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu” dɔ no bi adi.—1 Tim. 2:4.
7 Hokwan mmere bɛn ara mu na yɛte yi! Ɛmmra sɛ yebesi yɛn bo daa sɛ ‘yɛbɛma nea ɔpɛ abegye nkwa nsu no kwa,’ a ne kasa mfa ho.—Adiyisɛm 22:17.