Kenkan Yɛn Man Yi mu Kasa mu Nyan!
1 Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Nyan! a wotintim no adu dodow a ɛsen biara a ɛne 13,240,000 wɔ kasa horow 67 a Twi ne Ewe ka ho mu. Hwɛ sɛnea Yehowa ahyira The Golden Age (a mprempren wɔfrɛ no Nyan!) kakraa bi a wofii ase tintim wɔ 1919 mu no so!—Fa toto Sakaria 4:10 ho.
2 Yɛn Man yi mu Kasa mu “Nyan!” Dodow a Wotintim: Wɔ ɔman yi mu no, Nyan! a wodii kan tintimii ne October 8, 1975 Twi de no. October 8, 1978 Nyan! a na ne dodow yɛ 23,800 no ne nea ɛsen biara a wɔatintim wɔ Twi mu. Ɛda adi pefee sɛ na nnipa pii kenkan Twi Nyan! no saa bere no.
3 Hwɛ anigye ara na ɛyɛ bere a wotintim Ewe Nyan! a edi kan a ɛne September 8, 1992 de no! Togo ne Ghana nsasesin no titiriw na wodii ahurusi.
4 Bere a wotintim Twi Nyan! a ne dodow sen biara wɔ 1978 mu no, na adawurubɔfo 22,000 na wɔwɔ Ghana. Mprempren a adawurubɔfo 41,000 na wɔwɔ Ghana (aka kakraa bi na adu 1978 de no mmɔho) no, yebetumi aka sɛ Twi akenkanfo nso adɔɔso pii.
5 Wogyae Twi Nyan! no tintim wɔ anohyeto bere no mu, nanso wɔde March 8, 1991 de no san fii ase bio, na nea edi kan a wotintimii no dodow yɛ 3,550. Mprempren, wotintim 3,400. Sɛ yɛde toto dodow a na wotintim no kan no ho a, ɛda adi sɛ wɔn a na wɔkenkan Twi Nyan! no kan ne nnansa yi no mu binom agyae kenkan.
6 Ewe Nyan! a edi kan a wotintimii no dodow yɛ 4,700. Mprempren, wotintim 3,900. Wɔ eyi nso mu no, wɔn a wofii ase kenkanee no bi agyae kenkan.
7 Dɛn Nti na Wɔn a Wɔkenkan no So Retew?: Ade biako a wɔkyerɛ sɛ ama wɔn a wɔkenkan yɛn man yi mu kasa mu Nyan! so retew ne mprempren sikasɛm mu ahokyere no. Ɛwom sɛ yensua Nyan! wɔ asafo nhyiam horow mu te sɛ Ɔwɛn-Aban de, nanso esiane sɛ Twi Nyan! yɛ nsɛmma nhoma a ɛba ɔsram biara nti, so ɛyɛ den dodo sɛ wode ₵150 bɛto hɔ ɔsram biara de atɔ biako?
8 Nea Wotintim a Yɛbɛma ne Dodow Akɔ Anim: Ofiwuranom pii nnim mpo sɛ wotintim Nyan! wɔ Twi ne Ewe mu. Ɔman yi mu adawurubɔfo dodow no ara ne afiwuranom yɛ Bible adesua wɔ yɛn man yi mu kasa mu nhoma ahorow mu dedaw. Enti, dɛn nti na womfa yɛn man yi mu kasa mu Nyan! no nkyerɛ Bible asuafo a wɔte saa, na wumfi ase mma wɔn nsɛmma nhoma daa?
9 Monhwɛ nsɛm binom a ɔman yi mufo ani begye ho kwan. Sɛ́ nhwɛso no, ogya a ɛhyew mfuw nsase haw adwene wɔ ɔman yi mu bere nyinaa. November 8, 1993 Nyan! a ɛwɔ yɛn man yi mu kasa mu no kura asɛm bi a ɛfa ogya a ɛhyew mfuw nsase ho. Ɛbobɔ nneɛma pii a ɛma ogya hyew mfuw nsase din, na ɛhyɛ siw a yebesiw ano ho nkuran. Asɛm no yɛ tiawa na wɔn a wɔte nkuraase a ogya hyew mfuw nsase wɔ hɔ no ani begye ho ntɛm.
10 Esiane sɛ Nyan! no bi mu yɛ den nti, ɛtɔ da bi a yɛn nsɛm asekyerɛfo no yɛ nhwehwɛmu pii na wɔatumi anya nsɛmfua, nsɛm ne kasakoa a ɛne Engiresi de no hyia. Sukuufo a woresua Twi ne Ewe de akɔyɛ sɔhwɛ no betumi anya so mfaso denam eyi a wɔde bedi dwuma anya nsɛmfua afoforo pii, na wɔama sɛnea wɔkyerɛw yɛn man yi mu kasa horow no ayɛ papa no so.
11 Yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma no da nsow, efisɛ yenni nsɛmma nhoma a ɛwɔ yɛn man yi mu kasa mu wɔ ɔman yi mu. Sɛ wutumi kenkan Ewe anaa Twi a, kra yɛn man yi mu kasa mu Nyan! na w’ankasa woakenkan. Kra bi ma wo mma a wonim akenkan fa boa wɔn na ama wɔanya kasa no mu nimdeɛ pii. Monkra dodow a ɛfata mfa nkɔ asɛnka. Sɛ moboa na mudi ho dwuma a, yɛn man yi mu kasa mu Nyan! no betumi aba mprenu ɔsram biara te sɛ Engiresi de no. Yɛhwɛ saa da no kwan denneennen.