Asemmisa Afã
◼ Ɛsɛ sɛ yedi nsɛm ho dwuma dɛn bere a ofiewura bi ka sɛ Yehowa Adansefo mma ne fie bio no?
Ɛwom sɛ ɛntaa nsi de, nanso sɛ yehu sɛ wɔakyerɛw abɔ ofie bi anim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɛka ɔsom ho asɛm wɔ hɔ, anaasɛ ɛhyɛ da ka sɛ Yehowa Adansefo mma hɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ yebedi nea ofiewura no ka no so, na ɛnsɛ sɛ yɛkɔ ɔpon no mu.
Ɛtɔ da bi a, ebia yebehu sɛ wɔakyerɛw abɔ hɔ sɛ adetɔnfo mma hɔ. Esiane sɛ yɛyɛ nyamesom adwuma a yɛmfa mpɛ mfaso nti, saa asɛm no mfa yɛn ho. Ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yɛbɛbɔ saa ɔpon no mu. Sɛ ofiewura no bisa yɛn ho asɛm a, yebetumi de anifere akyerɛkyerɛ nea enti a yɛte nka sɛ asɛm a wakyerɛw abɔ hɔ no mfa yɛn ho no mu. Sɛ ofiewura no ka no pefee sɛ ɛfa Yehowa Adansefo nso ho a, ɛnde yebedi nea ɔka no so. Ɛsɛ sɛ yɛde ho asɛm a yɛakyerɛw ato hɔ abɔ date wɔ so hyɛ asasesin no ho nhoma kotoku (envelope) mu na adawurubɔfo a wɔbɛyɛ asasesin no mu adwuma akyiri yi ankɔ saa ofi no mu.
Nanso, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn dwene sɛ yɛnkwati saa afie no korakora. Wɔn a wɔte hɔ mprempren no betumi atu akɔ. Yebetumi ahyia obusuani foforo a obetie yɛn. Ebetumi aba sɛ ofiewura no a yɛne no kasae no su bɛsakra na wapene so sɛ yɛmmra hɔ. Enti, bere bi akyi no, ɛsɛ sɛ yɛde anifere kobisa ofie hɔfo ase de hu sɛnea afei wɔte nka.
Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ asasesin no file no mu pɛnkoro afe biara, na wɔkyerɛw afie a wɔaka sɛ yɛmma mu no nɔma to hɔ. Wɔ ɔsom adwuma sohwɛfo no akwankyerɛ ase no, wobetumi apaw adawurubɔfo bi a wɔn ho akokwaw na wɔyɛ anifere ma wɔakɔ afie yi mu. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo no hu Reasoning nhoma no mu asɛm a ɛwɔ nkratafa 15-24 a wɔato din sɛ “How You Might Respond to Potential Conversation Stoppers” no yiye. Sɛ wotie wɔn sɛnea ɛsɛ a, yebetumi akɔ hɔ sɛnea yɛyɛ daa no. Sɛ ofiewura no kɔ so da nitan adi a, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ hɔ bio kosi sɛ yɛbɛhyɛn afe foforo mu. Asafo no mu mpanyimfo betumi asi gyinae sɛ ebia tebea pɔtee bi ma ɛyɛ papa sɛ wobedi ho dwuma wɔ ɔkwan soronko so a.