Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/94 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1994
Yɛn Ahenni Som—1994
km 1/94 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a ɛdodow anaasɛ ɛpa so anaa nea wotintimii ansa na 1980 reba. Momfa nhoma no biako mma adawurubɔfo ne akwampaefo aboafo mfa nnye ne bo fã a ɛyɛ ₵350.00. Bere nyinaa asomfo betumi agye saa nhoma no biako ₵180.00. MONHYƐ NO NSOW: Abusua Asetra nhoma no nkutoo na ɛnka atifi hɔ nhoma no ho. Ɛwom sɛ wotintimii ansa na 1980 reba de, nanso yɛde kasa biara mu de bɛma agye ne mprempren bo no nyinaa. Ɛsɛ sɛ sika sohwɛfo no de “Remittance and Credit Request” kratasin (S-20) foforo bisa ma wɔtew nea bere nyinaa asomfo gyei no fi wɔn ka so, na ɔde foforo yɛ saa wɔ nea adwurubɔfo ne akwampaefo aboafo gyei ho. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi betumi de Mankind’s Search for God ama. February: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. March: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma, ne brochure biara (gye Sukuu brochure no nkutoo).

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe pa ma Nkaedi a yɛbɛyɛ no afe yi, Memeneda, March 26, bere a owia akɔtɔ no. Ɛnsɛ sɛ ade sa dodo ansa na wɔafi Nkaedi no ase, na amma anyɛ den amma anigyefo afoforo sɛ wɔbɛba. Bio nso, ɛnsɛ sɛ wɔma nhyiam no bobɔ so na ama wɔanya bere akyia ahɔho ansa na Nkaedi no afi ase anaa bere a wɔapɔn no, na wɔatumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔakɔ so de honhom fam mmoa ama ebinom, na wɔn a wɔbae nyinaa atumi ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.

◼ Efi March rekɔ no, amansin so ahwɛfo baguam ɔkasa foforo bɛyɛ “Adesamma Apinisi—Bere Bɛn na Ɛbɛba Awiei?”

◼ Wɔbɛma 1994 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no wɔ wiase nyinaa Kwasida, April 10. Ɔkasa no asɛmti bɛyɛ “So Nyamesom Redi Adesamma Abusua no Huammɔ?” Wɔde krataa a wɔbɛhwɛ so ama no bɛmana mo. Asafo ahorow a wɔn mansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn anaa wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 10 adu.

◼ Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ “Advance Medical Directive/Release” kratasin no wie koraa wɔ fie, nanso wɔmfa mmra Asafo Nhoma Adesua ase mfa wɔn nsa mmɛhyɛ ase, wonni ho adanse na wɔnkyerɛw date nhyɛ so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena