Ɔsom Nhyiam Horow Ma January
MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama January dapɛn biara. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔbɛkɔ ɔmantam nhyiam wɔ January mu no yɛ nhyehyɛe de simma 30 ti dwumadi no mu wɔ Ɔsom Nhyiam horow no biako ase. Monhwɛ emu nkyerɛkyerɛmu wɔ December Yɛn Ahenni Som no kratafa 2.
Dapɛn a Efi Ase January 3
Dwom 101
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo a mo asasesin no mu nnipa ani begye ho mu nsɛm pɔtee bi ho asɛm tiawa.
20 min: “Nhyiamkɔ—Asɛyɛde a Anibere Wom.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw ho. Sɛ mudu nkyekyem 2 a, bisabisa adawurubɔfo a wɔadi akwanside ahorow so sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔ nhyiam daa nsɛm.
20 min: “Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahu Yɛn Nhoma Ahorow no so Mfaso.” Wo ne asafo no mmɔ ho nkɔmmɔ. Yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow bere a moasusuw nkyekyem 3 ne 4 ho awie no. Ka nhoma a ekura 192 a mo asafo no wɔ kyerɛ adawurubɔfo no. Sɛ mo asafo no nni nhoma dedaw no bi a, yɛ sɛnea wɔde Mankind’s Search for God nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ bere a moasusuw nkyekyem 5 ho awie no.
Dwom 116 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 10
Dwom 147
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata.
15 min: So Woasiesie Wo Ho sɛ Wubegyina Aduruyɛ mu Tebea a Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano? Ɔkasa a ɛkanyan nkate a ɔpanyin a ɔfata ma de boa anuanom ma wohu sɛnea “Advance Medical Directive/Release” kratasin no tumi bɔ yɛn ho ban, bere a ɔde krataa a ɛhyɛ January 1991 Yɛn Ahenni Som (Volume 34, No. 1) mu nkyekyem 1-3 di dwuma no. Ma wɔnkyekyɛ nkratasin foforo mma adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nkutoo, na afei munsusuw nkrataa a Asafo ti no kyerɛw no November 2, 1991 kɔmaa asafo ahorow nyinaa a ɛde sɛnea wɔhyehyɛ nkratasin no ho akwankyerɛ ma no ho. Ka kyerɛ anuanom sɛ ƐNSƐ SƐ wɔhyehyɛ nkratasin no wɔ nhyiam no ase na mmom wɔmfa nkɔ fie, wɔmfa mpaebɔ nsusuw wɔn ahiade ho, na afei wɔnhyehyɛ. Nanso ƐNSƐ SƐ WƆDE NSA HYƐ kratasin no ase saa bere no. Wɔmfa kratasin a wɔahyehyɛ awie no mmra Asafo Nhoma Adesua a edi hɔ no ase, na mpanyimfo no mmoa mma wɔmfa nsa nhyɛ ase, wonni ho adanse na wɔmfa date nhyɛ so. Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no bɛhwɛ ne kuw no mufo nyinaa din a wɔakyerɛw no so de ahwɛ ahu sɛ wɔn nyinaa ayɛ saa. (Wobetumi aboa awofo a wɔabɔ wɔn asu no ma wɔahyehyɛ “Identity Card” ama wɔn mma.) Adesua so ahwɛfo/mpanyimfo betumi aboa obiara a wamma saa adesua no ma wadi ho dwuma wɔ Ɔsom Nhyiam a edi hɔ no ase kosi sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa bɛhyehyɛ wɔn nkratasin no pɛpɛɛpɛ na wɔde nsa ahyɛ ase.
20 min: “Sankɔhwɛ a Ɛboa ma Wonya Anisɔ.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Sɛ adwurubɔfo de nhoma dedaw redi dwuma a, yɛ sɛnea wobetumi asan akɔsra obi a ogyee saa nhoma no biako ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ munni ɛno bi a, ma wɔmfa nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ nkyekyem 5 no nyɛ obi a ogyee Mankind’s Search for God nhoma no a wɔsan kɔsra no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 154 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 17
Dwom 167
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sikasɛm ho amanneɛbɔ. Fa ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm ka ho. Da sika a adawurubɔfo de boa Asafo ti no ne mo asafo no dwumadi ahorow ho anisɔ adi. Kae obiara a ɔnnhyehyɛɛ ne “Advance Medical Directive/Release” kratasin no nnwiei no sɛ ɔnyɛ saa wɔ nhyiam no ase denam n’Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo anaa mpanyimfo afoforo no mu biako a obehu no no so.
20 min: “Asasesin a Wɔtaa Yɛ mu Adwuma mu Adwumayɛ.” Asemmisa-ne-mmuae a ɔsom adwuma sohwɛfo ma wɔde susuw ho. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔwɔ asasesin a wɔtaa yɛ mu adwuma de Reasoning nhoma no mu nnianim nsɛm a wɔka ho asɛm wɔ nkyekyem 4 ne 5, ne nnianim asɛm foforo a ɛfata a efi nkyekyem 6 ne 7, anaa nea wɔasiesie ama wɔn asasesin no yɛ ɔyɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔnyɛ wɔn asasesin mu adwuma mpɛn pii no de Reasoning nhoma no mu nnianim nsɛm afoforo a ɛfata yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow. Ɛsɛ sɛ wosua ɔyɛkyerɛ ahorow no yiye.
15 min: Dɛn na Ɛbɛba Asase no so Daakye? Egyina Reasoning nhoma no nkratafa 112-17 so. (Simma 5) Nsɛmti nketewa a efi ase fi nkratafa 112 ne 113 kosi kratafa 114 mfinimfini mu nsɛm ho ɔkasa. (Simma 7) Ɔdawurubɔfo ɔfoforofo ne ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw bɔ nkratafa 114-16 hɔ asɛm ho nkɔmmɔ. Ɔdawurubɔfo ɔfoforofo no abusuafo a wɔyɛ wiasefo gye akyinnye sɛ Bible no kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe asase no. Ɔdawurubɔfo ɔfoforofo no ka kyerɛ ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw kɛse no sɛ ɔmmoa no mma ɔnte kyerɛw nsɛm a ɛfa asase ho no ase. (Simma 3) Mommɔ asemmisa a ɛwɔ kratafa 117 a ɛne sɛ “Nnipa bɛn na Onyankopɔn bɛma wɔatra ase daa wɔ asase so?” no ho nkɔmmɔ mfa nwie. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyere ne ho mfata mma saa hokwan a nhyira wom no.
Dwom 176 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 24
Dwom 178
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkɔ asɛnka dapɛn yi. Ka asafo no asɛnka nhyehyɛe kyerɛ. Yɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma a aba foforo ma ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Asemmisa Afã. Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa. Boa wɔn nyinaa ma wɔnte nea enti a ɛsɛ sɛ wodi nsɛm ho dwuma sɛnea wɔaka wɔ nkyekyem abiɛsa a edi kan no mu no. Sɛ woyɛ afie afie adwuma a, hwɛ hu sɛ wobɛhwɛ asasesin no nhoma kotoku no mu na woahu afie a wɔaka sɛ yɛnnkɔ mu no.
10 min: “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden biara a wobetumi nkɔ ɔmansin nhyiam a ɛreba no.
15 min: Asafo no Asɛnka Adwuma. Ɔsom adwuma sohwɛfo ne ɔpanyin foforo hwehwɛ asafo no dwumadi wɔ asram anan a atwam no mu. Ɔsom afe no nkyem abiɛsa mu biako atwam (September-December). Mo asafo no mmɔdenbɔ te dɛn? Fi komam kamfo asafo no wɔ nea wɔrebɔ mmɔden wom ho. Afei nso, ka nea asafo no betumi anya mu nkɔso ho asɛm, na fa nyansahyɛ a eye ma. Fa ɔsom afe no asram anan a edi kan no mu asɛnka ho osuahu tiawa biako anaa abien a ɛhyɛ nkuran nso ma. Wie wɔ ɔkwan a ɛhyɛ nkuran na ɛma denhyɛ so. Anigye a Yesu nyae no fi ne som adwuma a ɔyɛe no mu. Yɛn nso yebenya anigye kɛse bere a yɛyɛ pii wɔ adwuma a Yehowa de ama yɛn no mu no.—Yoh. 4:34; 1 Kor. 15:58.
Dwom 179 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 31
Dwom 186
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ obiara nkuran sɛ omfi asɛnka adwuma ase ntɛm denam ne ho a ɔde bɛhyɛ mu dapɛn yi awiei no so. Wubetumi de nsɛmma nhoma a aba foforo a wɔde bɛma ho nyansahyɛ a eye ama.
10 min: Fa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ma wɔ Afie Afie. Ɔkasa tiawa a ɛyɛ anigye a wɔde kyerɛ sɛnea nhoma no som bo wɔ boa a wɔde aboa nkurɔfo ma wohu Yehowa na wɔsom no no mu. Yɛ sɛnea ɔdawurubɔfo betumi de Yɛn Ahenni Som yi mu nyansahyɛ ahorow asiesie ne ho na ama ɔde nhoma yi adi dwuma wɔ asɛnka mu ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Nnuru a Wobɛsɔ Ahwɛ no Mu? Adawurubɔfo nkumaa baanu ne ɔpanyin bi susuw nnuru a wɔde di dwuma pii wɔ sukuu no ho. Ɔpanyin da no adi sɛ wɔnhyɛ da mmɔ nnuru din wɔ Bible no mu de, nanso wobetumi ahu sɛnea wɔde nnuru di dwuma ho akwankyerɛ pa wɔ Reasoning nhoma no nkratafa 106-12. Mmofra no de wɔn ankasa nyansahyɛ a ɛfa akwan horow a wɔn mu biara betumi afa so ako atia atipɛnfo nhyɛso ho ma.
10 min: Mo asafo no mu ahiade. Anaasɛ “Nya Adwene a Ɛfata wɔ Onyankopɔn Mmɔborohunu Ho” a egyina October 1, 1993, Ɔwɛn-Aban nkratafa 22-5 so ho ɔkasa a ɔpanyin ma.
Dwom 188 ne mpaebɔ a wɔde wie.