Asasesin a Wɔtaa Yɛ mu Adwuma mu Adwumayɛ
1 Yɛn ani gye bere a yɛte sɛ asafo pii reyɛ wɔn asasesin mu adwuma mpɛn pii no. (Mat. 24:14; 1 Tim. 2:3, 4) Ɛwom sɛ eyi ma yehyia asɛnnennen soronko bi de, nanso osuahu akyerɛ sɛ yebetumi adi ho dwuma, sɛ yesiesie yɛn ho yiye sɛ yebedi nsɛm tebea horow a ɛsɔre no ho dwuma a.
2 Nnianim Nsɛm a Etu Mpɔn Ne Ano Aduru: Ɛho hia yiye sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛde nnianim nsɛm a yɛasusuw ho yiye biako anaa nea ɛboro saa bedi dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛde nsɛm a ɛfata a ɛda atirimpɔw titiriw a yɛtaa kɔ wɔn nkyɛn adi pefee ka ho.
3 Reasoning nhoma no de nnianim nsɛm a ɛfata ho nhwɛso pa pii ma. Abiɛsa wɔ kratafa 15 wɔ asɛmti “In Territory Often Worked” (Asasesin a Wɔtaa Yɛ mu Adwuma) ase. Sua nea wobɛpɛ sɛ wode di dwuma wɔ mo asasesin mu no.
4 Adawurubɔfo bi tumi de wɔn man mu atesɛm krataa mu nsɛm fi nkɔmmɔbɔ ase wɔ asasesin a wɔtaa yɛ mu adwuma mu. Reasoning nhoma no de sɛnea yebetumi ayɛ eyi ho nhwɛso abiɛsa ma. Susuw nnianim asɛm a ɛto so abien a ɛwɔ asɛmti “Crime/Safety” (Nsɛmmɔnedi/Ahobammɔ) ase wɔ kratafa 10, ne nnianim nsɛm abien a edi kan wɔ asɛmti “Current Events” (Nsɛm a Ɛresisi Mprempren) wɔ nkratafa 10 ne 11 ase no ho.
5 Nnianim Nsɛm a Wubesiesie: Fi wo pɛ mu siesie nnianim nsɛm a ɛfata a ɛte sɛ nea ɛwɔ Reasoning nhoma no mu no na fa di dwuma. Fa w’ankasa nsɛm da no adi sɛnea wokasa daa no. Wubetumi ne ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw asua ansa na wode adi dwuma wɔ asɛnka mu.
6 Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Efi bere a yɛbɛsraa wo nnaano no, [ka asɛm bi a asi nnansa yi a mpɔtam hɔfo reka ho asɛm]. Esiane sɛ ɛka yɛn nyinaa wɔ ɔkwan bi so nti, yɛn mpɔtam hafo pii aka sɛ ɛhaw wɔn yiye. Ebia wo nso woasusuw ho kakra. [Gyina kakra ma ommua.] Esiane nnɛ wiase no mu tebea horow nti, so wunnye nea odiyifo Yeremia kyerɛwee wɔ Yeremia ti 10 nkyekyem 23 no ntom?” Bere a moakenkan kyerɛwsɛm no awie no, ma ofiewura no nka nea wahu, na afei twe adwene si kyerɛwsɛm pɔtee bi a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa bedi ɔhaw pɔtee a morebɔ ho nkɔmmɔ no ho dwuma so.
7 Anaa wubetumi aka sɛ:
◼ “Akyinnye biara nni ho sɛ wuhui wɔ atesɛm krataa mu anaa wotee wɔ radio so nnɛ sɛ [ka asɛm pɔtee a asi]. Ebia wubegye atom sɛ eyi ka yɛn nyinaa. [Gyina kakra ma ommua.] Yebetumi ahwɛ kwan sɛ aban ahorow no de bere tiaa mu ano aduru bi bɛma; nanso Bible no kyerɛ sɛnea wobedi ɔhaw no ho dwuma korakora.” Twe adwene si kyerɛwsɛm pɔtee bi a ɛkyerɛ nea Onyankopɔn bɛyɛ no so.
8 “Dɛn Nti na Motaa Ba Ha?” Wɔde mmuae a ɛfata a yebetumi de ama wɔ asɛm a ebetumi asiw nkɔmmɔbɔ kwan yi ho no ama wɔ Reasoning nhoma no kratafa 20 wɔ asɛmti “Why Do You People Call So Often?” (Dɛn Nti na Motaa Ba Ha Saa?) no ase. Sɛ wɔammisa yɛn mpo a, yebetumi adi adanse fɛfɛ bere a yɛde hokwan biara a ɛfata boa afoforo ma wohu sɛ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko ho nokware dɔ na ɛkanyan yɛn ma yɛtaa ba wɔn nkyɛn sɛnea yebetumi no. Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 21:15-17 no ho nkɔmmɔbɔ ho betumi aba mfaso yiye wɔ eyi mu.
9 Ɛnkosi sɛ Yehowa bɛka sɛ ayɛ yiye no, momma yɛnkɔ so nni asɛnnennen a ɛne sɛ yɛbɛyɛ adwuma wɔ asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma mu no ho dwuma. Bere a yɛasi yɛn bo saa no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebenya n’akwankyerɛ, n’ahobammɔ, ne ne nhyira akosi awiei.—Mat. 28:19, 20.