Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
1 Nokware Kristofo de Ahenni no adi kan wɔ wɔn asetra mu bere nyinaa de adi Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no so. Enti, “Monkɔ so Nhwehwɛ Ahenni no Kan” yɛ asɛmti a ɛfata ma ɔmansin nhyiam dwumadi a wobefi ase February 1994 no.
2 Efi dwumadi no mfiase no, wobesi wɔ a Ahenni no wɔ hɔ ankasa so dua, na wobesi so dua sɛ ɛyɛ nniso a ɛredi tumi a ɛwɔ ahemman, sodifo, nkoa ne mmara. Nokwarem no, nnipa nniso mmara horow pii a adesamma nya mu mfaso nnɛ no gyina Bible mmara ahorow so.
3 Wɔbɛka ahobammɔ ne nhyira horow a yenya fi Ahenni no a yɛde di kan wɔ yɛn asetra nyinaa mu no ho asɛm. Wɔde afotu pa bɛma de akyerɛ sɛnea yebetumi akwati dadwen a ɛho nhia. Ɔkasa, ɔyɛkyerɛ ne nsɛm ho nkɔmmɔbɔ bɛkyerɛ nea enti a ɛho hia kɛse sɛ yɛkwati akɛsesɛm.
4 Nhyiam no Memeneda no, asubɔhwehwɛfo a wɔfata betumi ayɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho baguam mpaemuka. Kwasida no, obiara bɛpɛ sɛ ɔbɛkɔ akotie baguam ɔkasa a wɔato din sɛ “Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ ama Adesamma.”
5 Hwɛ hu sɛ wobɛyɛ wo nhyehyɛe akɔ ɔmansin nhyiam no nna abien no nyinaa. Nhyiam no dwumadi ne fekubɔ a onuadɔ ne anigye wom de nkuranhyɛ ne denhyɛ a yɛn mu biara rempɛ sɛ ɛbɛpa ne ti so bɛma.