Onyankopɔn Asɛm a Yebegye Atom, Yɛde Adi Dwuma na Yɛanya Mu Mfaso
1 Ɛwom sɛ nnipa ɔpepem pii wɔ Bible no bi de, nanso wɔn mu pii nnye ntom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm, wɔn mu fã kɛse no ara mfa emu afotu a nyansa wom no nni dwuma, ma enti wɔn mu kakraa bi na wonya mu mfaso. Nanso, Yehowa nkurɔfo gye di ampa sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm, na mfaso wɔ so ma biribiara. (2 Tim. 3:16, 17) Enti, 1993 ɔsom afe no ɔmansin nhyiam dwumadi no asɛmti bɛyɛ “Onyankopɔn Asɛm a Yebegye Atom, Yɛde Adi Dwuma na Yɛanya Mu Mfaso.”
2 Wɔbɛma ɔkasa ahorow, ayɛ ɔyɛkyerɛ ahorow, aka osuahu ahorow na wɔabisa afoforo nsɛm de ahyɛ yɛn nkuran, de ama anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn Asɛm no ayɛ kɛse, na wɔde aboa yɛn ma yɛde adi dwuma akosi ase wɔ yɛn asetra afã horow nyinaa mu. Memeneda awia dwumadi no bɛka afotu ne nteɛso a wɔde bedi dwuma wɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu wɔ anigyede, fekubɔ, ne honam fam ade dodowpɛ ho. Ɛbɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ soronko wɔ wiase no ho, na yɛamfa ne subammɔne ahorow ne ne kasafĩ. Bio nso, wɔde nkuranhyɛ bɛma ma awofo a wonni ahokafo ne nnyanka anya mu mfaso.
3 Bio nso, afoforofo a wɔahyira wɔn ho so benya hokwan agye asubɔ Memeneda bere a wɔatie asubɔ ho Kyerɛwnsɛm mu ɔkasa akyi no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe ma wɔabɔ wɔn asu wɔ ɔmansin nhyiam no ase no bɔ asafo no ɔhwɛfo guamtrani amanneɛ ntɛm ara, na ama wanya bere a ɛdɔɔso de ayɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo ne wɔn asusuw nsɛm a wobisa asubɔhwehwɛfo no ho.
4 Kwasida anɔpa dwumadi no bɛpɛɛpɛɛ akwan a yɛbɛfa so ada nsow wɔ wiase no ho denam Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛyɛ ade ma ɛne no ahyia no so. Nsɛm a wɔbɛhwehwɛ mu no bi ne sɛnea yɛn ahosiesie ho hia, ne sɛnea yɛbɛkwati sɛe a yɛbɛsɛe yɛn adwene. Awia no, ɔmantam sohwɛfo no bɛma baguam ɔkasa a asɛmti ne sɛ “Dɛn na Ɛkyerɛ sɛ Bible no Yɛ Nokware?” Yɛpɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛbɛto nsa afrɛ anigyefo nyinaa ma wɔabetie dwumadi dɛdɛ yi.
5 Mo mansin sohwɛfo bɛkyerɛ mo bere ne beae a mobɛyɛ ɔmansin nhyiam yi, na yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monkɔ bi na ama moagye Onyankopɔn Asɛm mu afotu atom, mode adi dwuma, na moanya mu mfaso.—Yak. 1:22-25.