Monwɛn Na Mo Ani Nna Hɔ
1 Esiane sɛ wiase su sakra daa nti, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ ɔmansin nhyiam asɛmti ma 1991 ɔsom afe no ne “Monwɛn na Mo Ani Nna Hɔ.” (1 Tes. 5:6) Yɛn nyinaa betumi ahwɛ honhom mu dwumadi a eye no kwan, na mo nsa bɛka nkyerɛkyerɛmu a ɛho hia wɔ bere a ɛfata mu.
2 Nea ɛka dwumadi no mu nsɛntitiriw ho ne ɔkasa bi a wɔakyem anan a wɔahyehyɛ no sɛnea ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛawɛn na yɛn ani ada hɔ.’ (2 Tim. 4:5) Wɔ asetra bere a atwam a ebetumi aba sɛ na nyansa nnim akyi no, yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati Satan mfiri horow na yɛako atia wiase honhom no ma ayɛ yiye? Hwɛ sɛ asɛm a ɛho hia yi rempa wo ti so. Dwumadi no mu no, wɔbɛtwe yɛn adwene asi afotu pa a ɛwɔ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no mu no so. Wɔhyɛ mmofra ne awofo nkuran titiriw sɛ wɔnkenkan nhoma yi nwie, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a. Wɔhyɛ awofo nkuran sɛ wɔne wɔn mma mmɔ mu nkɔmmɔ daa. Sɛnea yɛyɛ daa no, wɔbɛyɛ asubɔ ho nhyehyɛe wɔ ɔmansin nhyiam no ase. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu wɔ ɔmansin nhyiam no ase no bɔ ɔhwɛfo guamtrani no amanneɛ ntɛm.
3 Wɔbɛyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow pii nso, de akyerɛ sɛnea yebetumi anya mfaso afi amanehunu, a yɛn mfomso ahorow ka ho, mu. Baguam kasa no ti ne sɛ “Nyansa mu a Yɛbɛyɛ Yɛn Ade wɔ Wiase a Enni Adwene Mu.” Ɛsɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo ne anigyefo nyinaa bɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛkɔ akotie.
4 Esiane sɛ asetra mu nhyɛso kɔ so yɛ pii nti, yegye di sɛ obiara benya mfaso ne ɔhome afi nsɛm a wɔasiesie de rebɛhyɛ yɛn nkuran yi mu. Yebehu akwan a yɛbɛfa so ama yɛn ani ada hɔ wɔ yɛn ankasa honhom fam ahiade ne yɛn mmusua mufo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu de ho. Si gyinae sɛ wobɛkɔ ɔmansin nhyiam no nyinaa na yɛ aso bere a dwumadi no kɔ so no, efisɛ “afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no.”—Rom. 13:11.