Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
1 Asɛmti a wɔbɛka ho asɛm wɔ ɔmansin nhyiam dwumadi foforo a yebefi ase February mu ne sɛ “Monwɛn, Munnyina Pintinn, Monyɛ Den.” Egyina awerɛkyekyesɛm a ɔsomafo Paulo de kɔmaa afeha a edi kan no mu Kristofo a wɔakyerɛw wɔ 1 Korintofo 16:13 no so.
2 Wobesi hia a ɛho hia sɛ yɛpɛɛpɛɛ yɛn honhom fam yiyedi mu bere nyinaa so dua de afi dwumadi no ase. Nea ɛteɛ akyi a yebedi denneennen wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no hwehwɛ sɛ yɛde nokwaredi susuw yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ne yɛn gyinabea wɔ n’asase so ahyehyɛde mu no ho. (2 Tim. 3:1) Wɔbɛkae yɛn anisɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn adwumaden nyinaa. Ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ yɛn akwan a yɛbɛfa so ama yɛn Kristofo su horow ayɛ papa na yɛakura abrabɔ pa mu.
3 Wobesi sɛnea ɛho hia sɛ yɛyɛ nnam wɔ asuafoyɛ adwuma no mu bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya honhom mu nkɔso ne asɛyɛde nso so dua. Wɔbɛka sɛnea ankorankoro ne mmusua betumi ayɛ nhyehyɛe anya honhom mu aduan daa ho asɛm wɔ ɔkasa, ɔyɛkyerɛ ne nkɔmmɔbɔ ahorow mu.
4 Memeneda, wɔn a wɔfata a wɔhwehwɛ asubɔ no betumi de nsu mu asubɔ ada wɔn ahosohyira adi wɔ baguam. Afei, Kwasida yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yɛbɛkɔ akotie baguam ɔkasa a n’asɛmti ne sɛ “Gyinabea Bɛn na Wowɔ Wɔ Onyankopɔn Anim?”
5 Wɔde nkuranhyɛ a ɛne sɛ yɛnkɔ so nkura gyidi mu pintinn, na yɛne yɛn ho nni wɔ ɔdɔ ne asomdwoe mu no na ebewie dwumadi no. Ɔmansin nhyiam no yɛ hokwan soronko a Yehowa de ma yɛn nyinaa na ama ‘yɛatwetwe yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ no mu biako. (Heb. 10:24, 25) Hyɛ da yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ akotie dwumadi no nyinaa nnanu no nyinaa.