Yɛn Ɔmansin Nhyiam Horow—Honhom Mu Apontow Mo Ahyɛ Yɛn Nyinaa Den
1 Efi February no, ɔmansin nhyiam horow foforo befi ase wɔ Ghana nyinaa. Nanso ansa na yɛbɛka nea yɛrehwɛ kwan ho asɛm no, ma yenni kan nsusuw ɔmansin nhyiam dwumadi a ɛreba awiei ɔsram yi no ho. So wunyaa kwan kɔɔ saa honhom mu apontow no ase? Yɛwɔ anidaso saa. Anuanom pii yɛɛ saa na bebree kyerɛw Asafo ti no kyerɛɛ dwumadi nhyehyɛe fɛfɛ a ɛhyɛɛ yɛn nyinaa den no ho anisɔ.
2 Wɔn a wɔkyerɛw Asafo ti no dodow no ara kaa sɛnea dwumadi nhyehyɛe no boaa yɛn ma yehuu asiane a ɛwɔ Satan wiase a ɛho ntew no mu sɛnea ɛbɛyɛ na yɛama asafo no ho atew bere nyinaa no ho asɛm. Ɔmantam sohwɛfo biako kyerɛwee sɛ: “Anuanom dodow no ara ani gye ho kɛse bere a nhyehyɛe no ‘ka asɛm no sɛnea ɛte ankasa’ no.” Onua foforo bi nso kyerɛw faa onuabarima kumaa bi a ɔwɔ asafo no mu a na onni fekubɔ pa no ho sɛ: “Ɔtee nka te sɛ nea dwumadi nhyehyɛe no fa ne nkutoo ho. Ɔkae sɛ nsakrae bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ.” Onua yi nso kyerɛwee sɛ: “Migye di sɛ nhyiam yi akanyan nnipa pii asen biara a yɛayɛ wɔ mfe a atwam no mu no.”
3 Nanso dɛn na ɛbɛba daakye? Dwumadi nhyehyɛe foforo befi ase ɔsram yi, a ne ti ne “Yɛn Ho Adi a Yɛbɛda sɛ Asuafo Anokwafo.” Dwumadi nhyehyɛe no fa bi bɛka nneɛma a ogya ntumi nhyew a yɛde bedi dwuma ne sɛnea eyi bɛboa yɛn ma yɛasow aba. So yɛrema asuafo afoforo anya su horow a ogya ntumi nhyew? Dɛn ne su horow a ogya ntumi nhyew yi? So yɛrekanyan koma ankasa denam nkyerɛkyerɛ pa so anaa? Dɛn ne sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛ ogya a Kristofo hyia nnɛ no binom?
4 Dwumadi nhyehyɛe foforo no bɛboa yɛn wɔ yɛn da biara da asetra sɛ Kristofo mu. So woasusuw sɛnea obi betumi de ne ho akɔhyɛ aba bɔne a “Babilon” sow no mu wɔ ɔhonam fam adwuma a ɔyɛ mu no ho anaa? Akwan horow a yɛn nuanom Kristofo nam so akwati “Babilon” nneɛma a ɛho ntew wɔ wɔn adwumam no binom ne nea ɛwɔ he? Na, dɛn na ebetumi ama yɛn nyinaa anya nkɔso wɔ Kristofo aba a yɛbɛsow mu? Yegye di sɛ mo ani begye sɛnea wobebua nsemmisa yi ne afoforo a ɛho hia wɔ ɔmansin nhyiam dwumadi nhyehyɛe foforo no mu no ho. Ɛyɛ dwumadi nhyehyɛe a ɛhyɛ gyidi den ampa. Hwɛ sɛ wode bɛka wo nhyehyɛe ma teokrase dwumadi ahorow a ɛreba no ho.